Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Berɛsosɛm 2:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na hwan mpo na ɔbɛtumi asi efie ama no? Na ɔsoro ne ɔsoro mu soro rentumi nkora no, na hwan ne me, sɛ mɛsi efie mama no, gye aduhwam a wɔhye no n’anim?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na hwan mpo na ɔbɛtumi asi efie ama no? Na ɔsoro ne ɔsoro mu soro rentumi nkora no, na hwan ne me, sɛ mɛsi efie mama no, gye aduhwam a wɔhye no n’anim?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Hena na obetumi asi ofi a ɛfata ama no? Ɔsorosoro mpo ntumi nkora no. Na me sɛɛ ne hena a mesi asɔredan ama no? Nea metumi ayɛ ara ne sɛ mesi baabi a wɔbɛbɔ afɔre ama no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Hwan na ɔbɛtumi asi efie a ɛfata ama no? Ɔsorosoro mpo ntumi nkora no. Na me sɛɛ ne hwan a mɛsi asɔredan ama no? Deɛ mɛtumi ayɛ ara ne sɛ mɛsi baabi a wɔbɛbɔ afɔdeɛ ama no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na hena po na obenya tumi asi ofi ama no? Na ɔsoro ne ɔsoro mu soro rentumi nkora no, na hena ne me, sɛ mesi ofi mama no gye aduhuam a wɔhyew n’anim?

Ver Capítulo Copiar




2 Berɛsosɛm 2:6
19 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Ɔhene Dawid ba bɛtenaa AWURADE anim, na ɔkaa sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, mene hwan, na me fie ne deɛn sɛ wode me abɛduru ha yi?


Na Ɔhene Salomo soma maa wɔkɔfaa Hiram firii Tiro baeɛ;


ɔyɛ Naftali abusuakuo mu ɔbaa kunafoɔ bi ba, na n’agya yɛ Tironi a ɔyɛ kɔbere mfrafraeɛ dwumfoɔ; na nyansa ne nhunumu ne kɔbere mfrafraeɛ adwinnie ho nimdeɛ nyinaa ahyɛ no ma; na ɔbaa Ɔhene Salomo nkyɛn bɛdii n’adwini nyinaa maa no.


Na ampa sɛ Onyankopɔn bɛtena asase so anaa? Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro ntumi nkora wo, na nkantom ɛdan yi a masie yi!


Nso wowɔ adwumayɛfoɔ pii pa ara: Aboɔpaefoɔ ne aboɔ ne nnua adwumfoɔ ne adwuma nyinaa mu adwumfoɔ.


Na hwan ne me, na hwan ne me man, na yɛanya ahoɔden sɛ yɛbɛyi yɛn yam ama adeɛ seyie? Na wo nkyɛn na ne nyinaa fire, na wo nsam na yɛnyaa no, na yɛde ama woɔ yi.


Ma me nyansa ne nimdeɛ na memfiri adi ɔman yi anim na memmra mu, na hwan na ɔbɛbu wo man kɛseɛ yi atɛn?


Na ampa sɛ Onyankopɔn bɛtena nnipa nkyɛn asase so anaa? Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro ntumi nkora wo, na nkantom ɛdan yi a masie yi!


Na Mose bisaa Onyankopɔn sɛ: Hwan ne me a merekɔ Farao nkyɛn makɔyi Israelfoɔ afiri Misraim?


ne aboɔ a wɔsene sisi adeɛ mu ne nnuasene mu adwini, na ɔnni adwinhodoɔ nyinaa.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɔsoro yɛ m’adwa, na asase yɛ me nan ntiasoɔ; ɛdan bɛn na mobɛsi ama me, na ɛhe na me homebea wɔ?


Sɛ obi de ne ho hunta huntabea bi a, merenhu no anaa? AWURADE asɛm nie. Ɛnyɛ ɔsoro ne asase na mayɛ so ma anaa? AWURADE asɛm nie.


Yɛyɛ owuo hwa a ɛde kɔ owuo mu ma ebinom, na yɛyɛ nkwa hwa a ɛde kɔ nkwa mu ma ebinom nso. Na hwan na ɔfata yeinom?


Me a mene ahotefoɔ nyinaa mu akumaa na wɔde adom yi adom me, sɛ menka Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no ho asɛmpa menkyerɛ amanaman mufoɔ,


ɛnneɛ faako a AWURADE mo Nyankopɔn bɛyi ama ne din atena no, ɛhɔ na momfa deɛ merehyɛ mo no nyinaa nkorɔ: Mo hyeɛ afɔdeɛ ne mo kum afɔdeɛ ne mo ntotosoɔ du du ne mo nsam mmasoɔ adeɛ ne mo bɔhyɛ adeɛ a moyie a mode hyɛ AWURADE bɔ no nyinaa.


gye faako a AWURADE bɛyi wɔ wo mmusuakuo baako mu no, ɛhɔ na bɔ wo hyeɛ afɔdeɛ, na yɛ deɛ merehyɛ woɔ nyinaa.


Fa akronkronneɛ a ɛsɛ sɛ wode ma, ne wo bɔhyɛ adeɛ na ma so kɔ faako a AWURADE bɛkyerɛ hɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios