2 Berɛsosɛm 2:4 - New Revised Asante Twi Bible4 hwɛ, me nso merebɛsi efie mama AWURADE me Nyankopɔn din, na ayɛ kronkron ama no, na wɔahye aduhwam a ɛyɛ hwam n’anim, na wɔasiesie kyerɛ paanoo daa, na wɔabɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ daa anɔpa ne anwummerɛ ne home nna ne abosome foforɔ ne AWURADE yɛn Nyankopɔn afahyɛ ase. Yei ne Israel amanneɛ de kɔsi daa. Ver CapítuloTwerɛ Kronkron4 hwɛ, me nso merebɛsi efie mama AWURADE me Nyankopɔn din, na ayɛ kronkron ama no, na wɔahye aduhwam a ɛyɛ hwam n’anim, na wɔasiesie kyerɛ paanoo daa, na wɔabɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ daa anɔpa ne anwummerɛ ne home nna ne abosome foforɔ ne AWURADE yɛn Nyankopɔn afahyɛ ase. Yei ne Israel amanneɛ de kɔsi daa. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm4 Merebesi Asɔredan ahyɛ Awurade, me Nyankopɔn din anuonyam. Ɛbɛyɛ baabi bi a wɔayi asi hɔ sɛ wɔnhyew nnuhuam ne kurobow wɔ nʼanim, nna afɔrebɔde brodo sononko no adi, na wɔmmɔ ɔhyew afɔre ahorow homeda biara, anɔpa ne anwummere, Ɔsram Foforo biara afahyɛ ahorow ne Awurade yɛn Nyankopɔn nnapɔnna biara. Ɔno na wahyɛ Israel sɛ wɔnyɛ saa nneɛma yi daa daa. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm4 Merebɛsi Asɔredan ahyɛ Awurade, me Onyankopɔn din animuonyam. Ɛbɛyɛ beaeɛ bi a wɔayi asi hɔ sɛ wɔnhye nnuhwam ne kurobo wɔ nʼanim, nna afɔrebɔdeɛ burodo sononko no adi, na wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ahodoɔ homeda biara, anɔpa ne anwummerɛ, Ɔbosome Foforɔ biara afahyɛ ahodoɔ ne Awurade yɛn Onyankopɔn nnapɔnna biara. Ɔno na wahyɛ Israel sɛ wɔnyɛ saa nneɛma yi daa daa. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON4 hwɛ, me nso merebesi ofi mama AWURADE me Nyankopɔn din, na ayɛ kronkron ama no, na wɔahyew aduhuam a ɛyɛ huam n’anim, na wɔasiesie Kyerɛ Abodoo daa, na wɔabɔ ɔhyew afɔre daa anɔpa ne anwummere ne home nna ne asram foforo ne AWURADE yɛn Nyankopɔn afahyɛ ase. Eyi ne Israel atɔremude de kosi daa. Ver Capítulo |