Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Berɛsosɛm 2:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na hwɛ wo nkoa nnuapaefoɔ no mɛma wɔn ayuo susukoraa mpemaduonu ne atokoɔ susukoraa mpemaduonu ne nsa galɔn ɔpeha du ne ngo galɔn ɔpeha du.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Na hwɛ wo nkoa nnuapaefoɔ no mɛma wɔn ayuo susukoraa mpemaduonu ne atokoɔ susukoraa mpemaduonu ne nsa galɔn ɔpeha du ne ngo galɔn ɔpeha du.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Mede atoko susukoraa mpem aduonu, nsa gyare mpem aduonu ne du ne ngo mpem aduonu betua wo mmarima no ka.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Mede atokoɔ susukora ɔpeduonu, nsã gyare ɔpeduonu ne edu ne ngo ɔpeduonu bɛtua wo mmarima no ka.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na hwɛ, nnuapaefo a wotwa nnua no, mɛma wo nkoa no aduan awi susukora ɔpeduonu ne atoko susukora ɔpeduonu ne nsa galɔn ɔpeha ne ngo nso galɔn ɔpeha.

Ver Capítulo Copiar




2 Berɛsosɛm 2:10
11 Referencias Cruzadas  

Na Salomo maa Hiram ayuo susukoraa mpem du, sɛ ne fie aduane, ne ngo kronkron susukoraa ɔpeduonu; saa na Salomo maa Hiram afe biara.


Na efie hɔ ara na montena, na monni na monnom deɛ ɛwɔ wɔn nsam; na odwumayɛfoɔ akatua sɛ no. Mommfiri efie mu nnkɔ efie mu!


ɛnkɔsi dwetɛ dwetikɛseɛ ɔha ne ayuo bɔtɔ ɔha ne nsa galɔn ahanum ne aduonum ne ngo galɔn ahanum ne aduonum ne nkyene a wɔnntumi nkan.


Ɛnna ɔyɛɛ kɔbere mfrafraeɛ dwaresɛn du, dwaresɛn baako di galɔn ahanan. Na dwaresɛn baako biara yɛ basafa mmienu; nnaka du no nyinaa, dwaresɛn no sisi so mmaako mmaako.


Na ne pipiripie yɛ nsayam trɛ; na wɔyɛɛ ano sɛ kuruwa ano, te sɛ sukooko nhwiren a ahane. Ɛdi galɔn ɔpedu.


Na wɔnsiesie nnua pii pa mma me, na efie a merebɛsie no so na ɛyɛ nwanwa.


Na afei, ayuo ne atokoɔ ne ngo ne nsa a me wura kaeɛ no, ɔmfa mmrɛ ne nkoa no.


Na wɔde sika maa aboɔpaefoɔ ne nnua adwumfoɔ no, na wɔde aduane ne anonneɛ ne ngo maa Sidonfoɔ ne Tirofoɔ sɛ wɔnkɔfa ntweneduro nnua mfiri Lebanon nkɔ Yopa po ano, sɛdeɛ Persiahene Kores maa wɔn ho kwan no.


Na Dawid hunuu sɛ AWURADE asi no Israel so hene, na ne man Israel nti wama n’ahennie so.


Nhyira nka AWURADE wo Nyankopɔn a ɔpɛ w’asɛm na ɔde wo atena n’adwa so sɛ di hene ma AWURADE wo Nyankopɔn. Sɛ wo Nyankopɔn dɔ Israel, sɛ ɔde no bɛtim hɔ de akɔsi daa nti, na ɔde wo asi wɔn so hene, sɛ yɛ atemmudeɛ ne teneneedeɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios