Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Berɛsosɛm 2:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na Salomo bɔɔ ne tirim sɛ, ɔbɛsi efie ama AWURADE din, ne n’ahennie.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na Salomo bɔɔ ne tirim sɛ, ɔbɛsi efie ama AWURADE din, ne n’ahennie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Salomo hyɛɛ sɛ wonsi Awurade Asɔredan ne nʼankasa nʼahemfi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, Salomo dwenee sɛ ɛberɛ a ɛsɛ sɛ ɔsi Awurade Asɔredan no ne nʼankasa nʼahemfie no aso.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na Solomon se, obesi ofi ama AWURADE din, ne ofi ama n’ahenni.

Ver Capítulo Copiar




2 Berɛsosɛm 2:1
13 Referencias Cruzadas  

Na Salomo wɔ nnesoasoafoɔ mpem aduɔson ne nnuatwafoɔ mpem aduɔwɔtwe bepɔ no so,


Na hwɛ, mese merebɛsi ɛdan mama AWURADE me Nyankopɔn din, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ m’agya Dawid no sɛ: Wo ba a mede no bɛsi w’ananmu atena w’adwa soɔ no, ɔno na ɔbɛsi ɛdan ama me din.


Na Salomo no ara ne fie deɛ, mfeɛ dummiɛnsa ansa na ɔrewie efie no nyinaa sie.


Na AWURADE ka kyerɛɛ m’agya Dawid sɛ: Sɛ ɛwɔ w’akoma mu sɛ anka wobɛsi ɛdan ama me din yi, woayɛ no yie deɛ,


Na AWURADE ama n’asɛm a ɔkaeɛ no atim, na masɔre masi m’agya Dawid ananmu, atena Israel ahennwa so, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no, na masi ɛdan no mama AWURADE, Israel Nyankopɔn din,


Na Salomo wiee AWURADE fie ne ahemfie no sie, ne deɛ ɔpɛɛ sɛ ɔsie nyinaa yɛ no,


Ɔno na ɔbɛsi efie ama me din, na ɔno na ɔbɛyɛ me ɔba, na me nso mɛyɛ no agya, na mɛma n’ahennie adwa atim Israel so akɔsi daa.


Na wɔde teaseɛnam a ne boɔ yɛ dwetɛ nnwetɛbena ahansia ne ɔpɔnkɔ nso a ne boɔ yɛ ɔha aduonum firi Misraim ba. Na saa na na wɔkra bi ma Hetifoɔ ahemfo nyinaa ne Siria ahemfo.


Na Huram kaa sɛ: Nhyira ne AWURADE Israel Nyankopɔn a ɔyɛɛ ɔsoro ne asase no, sɛ wama Ɔhene Dawid ɔba nyansafoɔ a ɔnim de ne nhunumu a ɔbɛsi efie ama AWURADE, ne n’ahemfie.


ɛnneɛ faako a AWURADE mo Nyankopɔn bɛyi ama ne din atena no, ɛhɔ na momfa deɛ merehyɛ mo no nyinaa nkorɔ: Mo hyeɛ afɔdeɛ ne mo kum afɔdeɛ ne mo ntotosoɔ du du ne mo nsam mmasoɔ adeɛ ne mo bɔhyɛ adeɛ a moyie a mode hyɛ AWURADE bɔ no nyinaa.


na mmom faako a ɔbɛyi mo mmusuakuo nyinaa mu sɛ ɔde ne din bɛtoɔ na watena no na monhwɛ, na ɛhɔ na monkorɔ;


Sɛ worenhwɛ nyɛ mmara yi mu nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma yi mu nyinaa na worensuro din a ɛwɔ animuonyam na ɛho yɛ hu yi a ɛne AWURADE wo Nyankopɔn no a,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios