Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Berɛsosɛm 19:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Nanso wɔahunu wo ho nsɛm pa, sɛ woatwitwa Asera nnua afiri asase no so, na woasiesie w’akoma ahwehwɛ Onyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Nanso wɔahunu wo ho nsɛm pa, sɛ woatwitwa Asera nnua afiri asase no so, na woasiesie w’akoma ahwehwɛ Onyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Nanso ade pa bi wɔ wo mu, efisɛ woatutu Asera nnua a ɛwɔ asase no so nyinaa, na woatu wo ho asi hɔ sɛ wobɛhwehwɛ Onyankopɔn.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Nanso, ade pa bi wɔ wo mu ɛfiri sɛ woatutu Asera afɔrebukyia a ɛwɔ asase no so nyinaa, na woatu wo ho asi hɔ sɛ wobɛhwehwɛ Onyankopɔn.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Nanso wɔahu wo ho nsɛm pa, sɛ woatwitwa Asera nnua afi asase no so, na woasiesie wo koma ahwehwɛ Onyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar




2 Berɛsosɛm 19:3
16 Referencias Cruzadas  

Na Israel nyinaa bɛgyam no na wɔasie no, na ɔno nko ne Yeroboam deɛ a ɔbɛkɔ ɛda mu, ɛfiri sɛ ɔno mu na wɔahunu adepa bi a ɛsɔ AWURADE Israel Nyankopɔn ani, Yeroboam fie.


Na wɔn akyiri no, wɔn a wɔde akoma maa sɛ wɔbɛhwehwɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no fifirii Israel mmusuakuo nyinaa mu baa Yerusalem, sɛ wɔrebɛbɔ afɔdeɛ ama AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no.


Na ɛnam sɛ ɔbrɛɛ ne ho aseɛ nti, AWURADE abufuo no sane firii ne so, sɛ ɔrensɛe no nwie; na ɔmannwoeɛ wɔ Yuda mu nso.


Na ɔyɛɛ bɔne, na wamfa n’akoma anhwehwɛ AWURADE.


na wɔne AWURADE yɛɛ apam sɛ wɔde wɔn akoma nyinaa ne wɔn kra nyinaa bɛhwehwɛ AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no,


Na Yuda nyinaa ani gyee nsuaeɛ no ho, ɛfiri sɛ wɔn akoma nyinaa na wɔde suaeeɛ; na wɔn pɛ nyinaa so na wɔhwehwɛɛ no; na ɔmaa wɔhunuu no, na AWURADE maa wɔn ɔhome afa nyinaa hyiae.


Na Yehosafat suroe, na ɔyeree ne ho hwehwɛɛ AWURADE, na ɔpaee abuadadie Yuda nyinaa mu.


Nanso sorɔnsorɔmmea no deɛ, wanyi, na ɔman no nnya nsiesiee wɔn akoma mmaa wɔn agyanom Nyankopɔn no.


Na ɔkɔhwehwɛɛ Ahasia, na wɔkyeree no, na ɔno deɛ, na ɔde ne ho ahunta Samaria. Na wɔde no brɛɛ Yehu, na wɔkumm no. Na wɔsiee no, na wɔkaa sɛ: Yehosafat a ɔde n’akoma nyinaa hwehwɛɛ AWURADE no ba ne no. Na obiara nni Ahasia fie bio a ɔbɛnya ahennie no ho ahoɔden.


Na Yotam yɛɛ ɔberempɔn, ɛfiri sɛ ɔsiesiee n’akwan AWURADE ne Nyankopɔn anim.


obiara a wasiesie n’akoma sɛ ɔrehwehwɛ Onyankopɔn, AWURADE n’agyanom Nyankopɔn, mpo sɛ ɛnyɛ kronkronbea ahodwira so a.


Na Esra asiesie n’akoma sɛ ɔbɛhwehwɛ AWURADE mmara na wadi so, na wakyerɛkyerɛ ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ wɔ Israel.


M’akoma atim, Onyankopɔn, m’akoma atim, mɛto dwom na mayi ayɛ.


Na menim sɛ papa biara nte me mu, mekyerɛ me nipasu mu, ɛfiri sɛ papa ho pɛ deɛ, ɛwɔ me mu, na mmom sɛdeɛ mɛyɛ no deɛ, mentumi.


Na Samuel ka kyerɛɛ Israel fie nyinaa sɛ: Sɛ mode mo akoma nyinaa resane aba AWURADE nkyɛn a, ɛnneɛ monyi ananafoɔ anyame ne Astarot no mfiri mo mu, na monsiesie mo akoma mma AWURADE, na monsom ɔno nko ara, na ɔbɛyi mo Filistifoɔ nsam.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios