Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Berɛsosɛm 17:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na AWURADE dii Yehosafat akyi, ɛfiri sɛ ɔnantee n’agya Dawid kane akwan no so, na wanhwehwɛ Baalim,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na AWURADE dii Yehosafat akyi, ɛfiri sɛ ɔnantee n’agya Dawid kane akwan no so, na wanhwehwɛ Baalim,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Na Awurade ka Yehosafat ho, efisɛ ɔyɛɛ sɛnea nʼagya Asa yɛe wɔ ne mfe a edi kan no mu, na wansom Baal ahoni no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Na Awurade ka Yehosafat ho, ɛfiri sɛ, ɔyɛɛ sɛdeɛ nʼagya Asa yɛeɛ wɔ ne mfeɛ a ɛdi ɛkan no mu, na wansom Baal ahoni no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na AWURADE dii Yehosafat akyi, efisɛ ɔnantew n’agya Dawid kan akwan no so, na wanhwehwɛ Baalim,

Ver Capítulo Copiar




2 Berɛsosɛm 17:3
47 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE dii Yosef akyi, na ɔdom no, na ɔmaa n’anim baa nyam wɔ afiasehwɛni no anim.


Na Dawid kɔɔ so yɛɛ kɛseɛ ara, na AWURADE, asafo Nyankopɔn, dii n’akyi.


Na Dawid dii Israel nyinaa so hene; na Dawid de atɛntenenee ne tenenee dii asɛm maa ne manfoɔ nyinaa.


Na Salomo yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wantumi anni AWURADE akyiri sɛ n’agya Dawid.


Na ɔfaa n’agya Asa kwan nyinaa so, wammane amfiri ho, na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so; gye sorɔnsorɔmmea no na wɔanyiyie, ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ na wɔhyee aduhwam sorɔnsorɔmmea hɔ.


Na Salomo nam n’agya Dawid ahyɛdeɛ no mu dɔ AWURADE, nanso ɔbɔ afɔdeɛ na ɔhye aduhwam sorɔnsorɔmmea no so.


Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, nanso na ɛnte sɛ n’agya Dawid; sɛdeɛ n’agya Yoas yɛeɛ no nyinaa na ɔno nso yɛeɛ,


Ahas bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia aduonu, na ɔdii hene mfirinhyia dunsia Yerusalem. Na wanyɛ deɛ ɛtene AWURADE, ne Nyankopɔn, ani so sɛ n’agya Dawid.


Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, sɛdeɛ n’agya Dawid yɛeɛ nyinaa.


Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, na ɔnantee n’agya Dawid kwan nyinaa mu, na wammane ankɔ nifa anaa benkum.


Ɛnyɛ AWURADE mo Nyankopɔn na ɔdi mo akyire na wama mo ho nyinaa adwo mo ahyia? Na ɔde asase no sofoɔ ahyɛ me nsa, na wɔabrɛ asase no ase AWURADE ne ne man anim?


Na Asa frɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn sɛ: AWURADE, ɛnyɛ adeɛ bi mma wo sɛ wobɛboa wɔn a wɔdɔɔso anaa wɔn a wɔnni tumi. Boa yɛn, AWURADE yɛn Nyankopɔn, na wo na yɛtwere woɔ, na wo din mu na yɛnam rekɔ nnipakuo yi soɔ. AWURADE yɛn Nyankopɔn ne wo, mma ɔdasani nnnya wo so ahoɔden.


na ɔfiri adi kɔhyiaa Asa, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Asa ne Yudafoɔ ne Benyaminfoɔ nyinaa, montie me. AWURADE ne mo te, sɛdeɛ mo ne no teɛ yi. Na sɛ mohwehwɛ no a, ɔbɛma moahu no, na sɛ mogya no a, ɔbɛgya mo.


Na ɔde dɔm duaduaa Yuda nkuro a ɛyɛ den nyinaa mu, na ɔde bansifoɔ duaduaa Yuda asase so, ne Efraim nkuro a n’agya Asa gyeeɛ no mu.


na mmom n’agya Nyankopɔn na ɔhwehwɛɛ no, na ne mmara nsɛm so na ɔnanteeɛ, na ɛnyɛ sɛ Israel nneyɛɛ no.


Na ɔnantee n’agya Asa kwan so, na wammane amfiri so, na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so.


Na krataa bi firi Odiyifoɔ Elia hɔ baa ne nkyɛn sɛ: Sɛ AWURADE w’agya Dawid Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ woannante w’agya Yehosafat akwan soɔ ne Yudahene Asa akwan soɔ,


Na ɔkɔhwehwɛɛ Ahasia, na wɔkyeree no, na ɔno deɛ, na ɔde ne ho ahunta Samaria. Na wɔde no brɛɛ Yehu, na wɔkumm no. Na wɔsiee no, na wɔkaa sɛ: Yehosafat a ɔde n’akoma nyinaa hwehwɛɛ AWURADE no ba ne no. Na obiara nni Ahasia fie bio a ɔbɛnya ahennie no ho ahoɔden.


Na Yotam yɛɛ ɔberempɔn, ɛfiri sɛ ɔsiesiee n’akwan AWURADE ne Nyankopɔn anim.


Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so sɛdeɛ n’agya Dawid yɛeɛ no ara.


Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, na ɔnantee n’agya Dawid akwan so, na wammane ankɔ nifa anaa benkum.


Asafo AWURADE ne yɛn wɔ hɔ, Yakob Nyankopɔn ne yɛn abankɛseɛ.


Asafo AWURADE ne yɛn wɔ hɔ, Yakob Nyankopɔn ne yɛn abankɛseɛ.


Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Mɛdi w’akyi; na yei bɛyɛ wo nsɛnkyerɛnneɛ sɛ me na mesomaa woɔ. Wonya yi ɔman no firi Misraim ba a, mobɛsom Onyankopɔn wɔ bepɔ yi so.


Na afei kɔ, na me ara mɛdi w’ano akyi na makyerɛ wo deɛ ka.


Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma w’akoma nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mehyɛ wo den, nso meboa wo, nso mede me tenenee nifa mekura wo mu.


Montu agyina na ɛbɛyɛ ɔkwa, monka asɛm na ɛrennyina, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.


Ɛyɛ dɛn na woka sɛ: Me ho nguu fi, Baalim akyiri nso mennii? Hwɛ wo kwan bonhwa no mu, hunu deɛ woayɛ. Yomabereɛ a wagyigya, a ɔkontonkonton ne kwan,


Hwɛ, ababaawa no bɛnyinsɛn, na wawo ɔbabanin, na wɔato ne din Imanuel, (a asekyerɛ ne sɛ: Onyankopɔn ne yɛn na ɛwɔ hɔ.)


Na deɛ baanu anaa baasa ahyiam me din mu no, ɛhɔ na mewɔ wɔn mfimfini.


Na ntɛm ara deɛ ɔnyaa talente nnum no kɔe, de kɔyɛɛ adwuma na ɔnyaa ho talente nnum.


na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni deɛ mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kɔsi wiase awieeɛ.


Awurade ne wo honhom ntena. Adom nka wo.


Obiara biara rentumi nnyina w’anim, wo nkwa nna nyinaa; sɛdeɛ medii Mose akyire no, saa ara na mɛdi w’akyire; merempa wo na merennya wo.


Menhyɛɛ wo sɛ yɛ den na yɛ nnam, nsuro, na mma w’akoma nntu anaa? Ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn di w’akyi deɛ wokorɔ nyinaa.


Na Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim.


Na sɛ AWURADE ma atemmufoɔ so ma wɔn a, ɛnneɛ AWURADE di ɔtemmufoɔ no akyi na ɔgye wɔn firi wɔn atamfoɔ no nsam, ɔtemmufoɔ no nna nyinaa, ɛfiri sɛ wɔn ahafoɔ ne wɔn taafoɔ anim apinisie no nti, AWURADE yam hyehyee no.


Na AWURADE bɔfoɔ no yii ne ho kyerɛɛ no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: AWURADE di w’akyi, wo dɔmmarima.


Na Gideon wuiɛ no, Israelfoɔ sane kɔdii Baalim akyiri adwamammɔ mu, na wɔfaa Baal-berit de yɛɛ wɔn nyame.


Na Saulo suroo Dawid, ɛfiri sɛ AWURADE di n’akyi, na Saulo deɛ, wafiri ne nkyɛn.


Na Dawid nyaa nkɔsoɔ n’akwan nyinaa mu, na AWURADE dii n’akyi.


Na Dawid firi adi kɔ baabiara a Saulo soma no na ne biribiara kɔ so; na Saulo de no sii akofoɔ so, na ɔsɔɔ ɔman no nyinaa ne Saulo nkoa nso ani.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios