Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Berɛsosɛm 16:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Asa ahennie afe a ɛtɔ so aduasa nsia mu na Israelhene Baasa foro baa Yuda soɔ, na ɔkyekyeree Rama sɛ ɔde resi deɛ ɔfiri adie ne deɛ ɔba mu, Yudahene Asa fam kwan.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Asa ahennie afe a ɛtɔ so aduasa nsia mu na Israelhene Baasa foro baa Yuda soɔ, na ɔkyekyeree Rama sɛ ɔde resi deɛ ɔfiri adie ne deɛ ɔba mu, Yudahene Asa fam kwan.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Asa dii ade mfe aduasa asia no, Israelhene Baasa kɔtow hyɛɛ Yuda so, na ɔbɔɔ Rama ho ban, sɛnea ɛbɛyɛ a, obi ntumi nkɔ mu anaa ompue mfi ɔhene Asa Yudaman mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Asa dii adeɛ mfeɛ aduasa nsia no, Israelhene Baasa kɔto hyɛɛ Yuda so, na ɔbɔɔ Rama ho ban, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obi ntumi nkɔ mu anaa ɔmpue mfiri ɔhene Asa Yudaman mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Asa ahenni afe a ɛto so aduasa asia mu na Israel hene Basa foro baa Yuda so, na ɔkyekyee Rama sɛ ɔde resiw nea ofi adi ne nea ɔba mu, Yuda hene Asa fam, kwan.

Ver Capítulo Copiar




2 Berɛsosɛm 16:1
9 Referencias Cruzadas  

sɛ ɔman yi foro kɔbɔ afɔdeɛ AWURADE fie Yerusalem a, ɛnneɛ ɔman yi akoma bɛdane akɔ wɔn wura Rehoboam, Yuda hene nkyɛn, na wɔaku me, na wɔasane akɔ Yudahene Rehoboam nkyɛn.


Na akodie biara amma de kɔsii Asa ahennie afe a ɛtɔ so aduasa nnum so.


Na ɛberɛ no mu no na asomdwoeɛ nni hɔ mma deɛ ɔfiri adie ne deɛ ɔba mu, na sakasaka bebree baa nsase no sotefoɔ nyinaa so.


Na ɔboaa Yuda ne Benyamin nyinaa ne ahɔhoɔ a wɔfiri Efraim ne Manase ne Simeon, ba bɛkaa wɔn ho no ano hyiae, na wɔhunuu sɛ AWURADE ne Nyankopɔn di n’akyire nti, nnipa pii wae firii Israel baa ne fam.


Ɛnna Asa yii dwetɛ ne sika firii AWURADE fie ne ɔhene fie akoradeɛ mu soma maa wɔde kɔmaa Siriahene Ben-hadad a ɔwɔ Damasko no sɛ:


Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn berɛ a Ankɔbeahene Nebusaradan agyaa no Rama no nie; ɔkɔfaa no baeɛ no, na wɔagu no nkɔnsɔnkɔnsɔn, Yerusalem ne Yuda atukɔfoɔ a wɔretu wɔn akɔ Babel no mu.


Nso abura a Ismael totoo mmarima a ɔkunkumm wɔn kaa Gedalia ho no afunu guu mu no ne deɛ Israelhene Baasa nti Ɔhene Asa tuiɛ no, ɛno na Netania ba Ismael de atɔfoɔ no hyɛɛ no ma.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios