Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Berɛsosɛm 12:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na Ɔhene Rehoboam afe a ɛtɔ so nnum no Misraimhene Sisak foro baa Yerusalem so, ɛfiri sɛ na wɔafom AWURADE.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na Ɔhene Rehoboam afe a ɛtɔ so nnum no Misraimhene Sisak foro baa Yerusalem so, ɛfiri sɛ na wɔafom AWURADE.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Esiane sɛ na wonni Awurade nokware no nti, afe a ɛto so anum wɔ ɔhene Rehoboam adedi mu no, Misraimhene Sisak kɔtow hyɛɛ Yerusalem so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Esiane sɛ na wɔnni Awurade nokorɛ no enti, afe a ɛtɔ so enum wɔ ɔhene Rehoboam adedie mu no, Misraimhene Sisak kɔto hyɛɛ Yerusalem so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔhene Rehoboam afe a ɛto so anum no, Misraim hene Sisak foro baa Yerusalem so, efisɛ Israelfo no afom AWURADE.

Ver Capítulo Copiar




2 Berɛsosɛm 12:2
17 Referencias Cruzadas  

Na Salomo hwehwɛɛ sɛ ɔkum Yeroboam; na Yeroboam sɔre dwane kɔɔ Misraim, Misraimhene Sisak nkyɛn; na ɔtenaa Misraim kɔsii sɛ Salomo wuiɛ.


Na AWURADE ama Siriafoɔ dɔm ate nteaseɛnam ne apɔnkɔ ne dɔm kɛseɛ nka, na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Hwɛ, Israel hene akɔgye Hetifoɔ ahemfo ne Misraim ahemfo adɔm atia yɛn sɛ wɔmmra yɛn so.


Na wo, me ba Salomo, hunu w’agya Onyankopɔn no, na fa w’akoma nyinaa ne wo kra anisɔ som no, na AWURADE peepee akoma nyinaa mu, na ɔhunu adwene nyinaa mu. Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no; na sɛ wogyaa no a, ɔbɛto wo atwene koraa.


Na Asa wɔ dɔm a wɔkura akyɛm ne mpea mu, Yuda mu nnipa mpemahasa ne Benyamin mu nnipa a wɔkura akyɛm mu na wɔkuntunu tadua, mpemahanu aduɔwɔtwe, mmarima a wɔtumi wɔn ho ara nko.


Na Etiopiani Sera de dɔm a ano si apem ahodoɔ apem ne nteaseɛnam ahasa tu baa wɔn so, na ɔbɛduruu Maresa.


Na wɔgyaa AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn fie, na wɔkɔsomm Asera nnua ne ahoni no. Na wɔn asodie yi nti abufuo baa Yuda ne Yerusalem so.


Wɔsoma mpomafoɔ a wɔtete nkyɛnkyɛmma akodoɔ mu de nam nsuo ani no fa po soɔ. Abɔfoɔ a mo ho yɛ herɛ, monkɔ ɔman a wɔyɛ atentene na wɔn ho akokwa no nkyɛn, ɔman a wɔn ho yɛ hu a wɔbɛn anaa wɔwɔ akyirikyiri, ɔman a ɔwɔ tumi a ɔtiatia aman soɔ a nsubɔntene atwitwa n’asase mu no.


Na wɔn deɛ, wɔtee atua na wɔhyɛɛ ne Honhom kronkron no yea, enti ɔdanee wɔn ɔtamfoɔ, na ɔno ara ne wɔn dii ako.


Wo bɔne bɛtwe w’aso, na wo nsaneakyire atwi w’anim, na hunu na hwɛ sɛ gya a wogyaa AWURADE wo Nyankopɔn, ne me ho hu a wonnie no so aba ne awerɛhoɔ. AWURADE, asafo AWURADE asɛm nie.


Yɛn akoma ahosan agyae, yɛn asa adane abooboodie.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios