Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Berɛsosɛm 12:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na Rehoboam ahennie timiiɛ, na ɔyɛɛ den no, ɔgyaa AWURADE mmara, na Israel nyinaa ka ne ho.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na Rehoboam ahennie timiiɛ, na ɔyɛɛ den no, ɔgyaa AWURADE mmara, na Israel nyinaa ka ne ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Rehoboam ahenni timii, na ɔyɛɛ den no, ɔne Israel nyinaa gyaw Awurade mmara.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Rehoboam timiiɛ na ɔyɛɛ den no, ɔgyaa Awurade mmara, na Israel nyinaa dii nʼakyi wɔ saa bɔne yi mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɛbae sɛ Rehoboam ahenni timii na ɔyɛɛ den no, ogyaw AWURADE mmara, na Israel nyinaa ka ne ho.

Ver Capítulo Copiar




2 Berɛsosɛm 12:1
22 Referencias Cruzadas  

Na Israelfoɔ a wɔtete Yuda nkuro mu no deɛ, Rehoboam dii wɔn so hene.


Na Salomo ba Rehoboam dii hene Yuda. Na Rehoboam adi mfirinhyia aduanan baako na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfirinhyia dunson wɔ Yerusalem, kuro a AWURADE fa firii Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ ɔde ne din bɛto hɔ no mu. Na ne na din de Naama a ɔyɛ Amonni.


Ɛno na wɔbɛbua sɛ: Ɛfiri sɛ wɔagya AWURADE wɔn Nyankopɔn a ɔyii wɔn agyanom firii Misraim asase so baeɛ no, na wɔakɔsosɔ anyame foforɔ mu asɔre wɔn asom wɔn, enti na AWURADE de bɔne yi nyinaa aba wɔn soɔ yi.


Yuda nso anni AWURADE wɔn Nyankopɔn mmara nsɛm so, na wɔnantee Israel ahyɛdeɛ a wɔyɛeɛ no mu.


Na wɔmaa Yuda ahennie no yɛɛ den, na wɔhyɛɛ Salomo ba Rehoboam den mfirinhyia mmiɛnsa, ɛfiri sɛ wɔnantee Dawid ne Salomo kwan so mfeɛ mmiɛnsa.


Na ɔdii no nyansam, na ɔde ne mmammarima no nyinaa mu binom sisii Yuda ne Benyamin nsase no nyinaa so nkuro a ɛyɛ den no nyinaa mu, na ɔde akɔnhomabɔdeɛ bebree maa wɔn, na ɔgyegyee mmaa bebree aware memaa wɔn.


Ka kyerɛ Salomo ba Rehoboam, Yuda hene, ne Israelfoɔ a wɔwɔ Yuda ne Benyamin nyinaa sɛ:


Na Ɔhene Rehoboam hyɛɛ ne ho den wɔ Yerusalem, na ɔdii hene. Na ɔbɛdii hene no, na wadi mfeɛ aduanan baako, na ɔdii hene mfirinhyia dunson wɔ Yerusalem a ɛne kuro a AWURADE yii Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ ɔde ne din bɛto hɔ no. Na ne na din de Naama a ɔyɛ Amonni.


Na wɔgyaa AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn fie, na wɔkɔsomm Asera nnua ne ahoni no. Na wɔn asodie yi nti abufuo baa Yuda ne Yerusalem so.


Ao, ɔman nnebɔneyɛfoɔ, ɔman a wɔn asodie yɛ duro, amumuyɛfoɔ asefoɔ, mma a wɔaporɔ! Wɔagya AWURADE, wɔabu Israel Kronkronni no animtia, wɔasane wɔn akyi.


Mo, nnɛɛmma, montie AWURADE asɛm. Madane ɛserɛ so ama Israel, anaasɛ asase a aduru sum kabii? Ɛdeɛn nti na me man ka sɛ: Yɛafa yɛn ho adi, yɛremma wo nkyɛn bio?


Efraim rekasa a, ɛyɛ hu; ɔmaa ne ho so Israel mu, ɛnna Baal nti ɔdii so, na ɔwui.


Ɛfiri sɛ wodi Omri ahyɛdeɛ ne Ahab fie nneyɛɛ nyinaa so, na wonenam wɔn agyinatuo mu, deɛ ɛbɛyɛ na mayɛ wo ahodwirie ne emufoɔ no nso hwerɛmabɔ, na woasoa me man ahohora.


Na Yesurum dɔree sradeɛ, na ɔtotoo anankotie; woadɔre sradeɛ ayɛ kɛse, wo mu ayɛ duru; na wagyaa Onyankopɔn a ɔyɛɛ no no, na ɔbuu ne nkwagyeɛ botan no akumaa.


Ɔbotan a ɔwoo woɔ no, woannwene ne ho, na wo werɛ afiri Onyankopɔn a ɔkyem woo woɔ no.


Baabiara a wɔfiri korɔ no, na AWURADE nsa ne wɔn di no bɔne, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ ne sɛdeɛ AWURADE kaa wɔn ntam no; na wɔn ho hiahiaa wɔn papaapa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios