Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Berɛsosɛm 1:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na Salomo bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a ɛsi AWURADE anim ahyiaeɛ ntomadan no anim no so, na ɔbɔɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ apem.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na Salomo bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ hɔ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a ɛsi AWURADE anim ahyiaeɛ ntomadan no anim no so, na ɔbɔɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ apem.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Hyiadan no anim hɔ, Salomo foro kɔɔ kɔbere mfrafrae afɔremuka no ho wɔ Awurade anim, bɔɔ ɔhyew afɔre ahorow apem wɔ so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Hyiadan no anim hɔ, Salomo foro kɔɔ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia no ho wɔ Awurade anim, bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ahodoɔ apem wɔ so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na Solomon bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ hɔ, kɔbere afɔremuka a esi AWURADE anim ahyiae ntamadan no anim no so, na ɔbɔɔ so ɔhyew afɔre apem.

Ver Capítulo Copiar




2 Berɛsosɛm 1:6
6 Referencias Cruzadas  

Na ɔhene kɔɔ Gibeon sɛ ɔrekɔbɔ afɔdeɛ wɔ hɔ, ɛfiri sɛ na ɛno ne sorɔnsorɔnbea kɛseɛ. Ɔhyeɛ afɔdeɛ apem na Salomo bɔɔ no afɔrebukyia no soɔ.


Na Ɔhene Salomo ne Israel asafo a wɔabɛhyia ne nkyɛn no nyinaa ne no dii adaka no anim kunkumm nnwan ne anantwie a wɔn dodoɔ nti wɔntumi nkan mmu ano bɔɔ afɔdeɛ.


Na Salomo de anantwie mpem aduonu mmienu ne nnwan mpem ha aduonu bɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ maa AWURADE. Na saa na ɔhene ne Israelfoɔ nyinaa dwiraa AWURADE fie.


Na wɔbobɔɔ AWURADE afɔdeɛ, na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa AWURADE, da no. Na adeɛ kyeeɛ no, wɔde anantwinini apem, adwennini apem, nnwan mma apem ne wɔn ho ahwiesa ne afɔdeɛ pii pa maa Israel nyinaa.


Ɛno mu na Salomo bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa AWURADE wɔ AWURADE afɔrebukyia a ɔsii no ntwonoowa no anim no soɔ,


Na Lebanon nnɔɔso mma ɔhyeɛ, na ne mmoadoma renso ɔhyeɛ afɔdeɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios