Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Berɛsosɛm 1:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 nyansa ne nimdeɛ no, wɔde ama wo na ahonya ne akoradeɛ ne animuonyam nso, mɛma wo, a ahemfo a wɔdii w’anim no nnyaa saa da, na w’akyi nso wɔrennya saa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 nyansa ne nimdeɛ no, wɔde ama wo na ahonya ne akoradeɛ ne animuonyam nso, mɛma wo, a ahemfo a wɔdii w’anim no nnyaa saa da, na wo akyiri nso wɔrennya saa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 mɛma wo nyansa ne nimdeɛ a wubisae no. Afei, mɛma wo sika, ahode ne anuonyam a ɔhene biara a wadi wʼanim no nnyaa bi da, nanso ɔrennya no saa da biara da.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 mɛma wo nyansa ne nimdeɛ a wobisaeɛ no. Afei, mɛma wo sika, ahodeɛ ne animuonyam a ɔhene biara a wadi wʼanim no nnyaa bi da, nanso ɔrennya no saa da biara da.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 nyansa ne nimdeɛ no, wɔde ama wo, na ahonya ne akorade ne anuonyam nso, mɛma wo, a ahene a wodii w’anim no nnyaa no saa da, na w’akyi nso wɔrennya no saa.

Ver Capítulo Copiar




2 Berɛsosɛm 1:12
10 Referencias Cruzadas  

Na asase nyinaa hwehwɛɛ Salomo anim ahunu, sɛ wɔbɛtie ne nyansa a Onyankopɔn de ahyɛ ne tiri mu no.


Na ahonya ne animuonyam firi w’anim, na wo na wodi adeɛ nyinaa soɔ, na wo nsam na ahoɔden ne mmaninyɛ wɔ, na nnipa nyinaa kɛseyɛ ne denhyɛ wɔ wo nsam.


Na AWURADE maa Salomo so kɛse pa ara Israel nyinaa ani so, na ɔhyɛɛ no ahennie mu animuonyam a ahemfo a wɔdii Israel soɔ dii n’anim no biara nnyaa bi da.


Na Ɔhene Salomo so senee asase so ahemfo nyinaa, adedodoɔ ne nyansa fam.


Ɛnyɛ yeinom ho na Israelhene Salomo yɛɛ bɔne? Nanso amanaman nyinaa mu hene biara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno, na onipa a Onyankopɔn dɔ no ne no, na Onyankopɔn de no sii Israel nyinaa so hene, ɔno mpo, mmaa ananafoɔ na wɔmaa no yɛɛ bɔne.


na meyɛɛ kɛse mekɔɔ so mesenee wɔn a wɔdii m’anim Yerusalem nyinaa, na me nyansa nso tenaa me mu;


Nso onipa biara a Onyankopɔn ma no ahonyadeɛ ne adedodoɔ, na ɔma no ho kwan sɛ ɔnni bi na ɔmfa no sɛ ne kyɛfa, na n’ani nnye ne brɛ mu no, yei nso, Onyankopɔn akyɛdeɛ ne no.


Na monhwehwɛ Nyankopɔn ahennie ne ne tenenee kane; na wɔde yeinom nyinaa bɛka mo ho.


Na deɛ ɔtumi yɛ ma no tra ade nyinaa, ma no boro so kyɛne deɛ yɛsrɛ anaasɛ yesusuo, sɛdeɛ tumi a ɛyɛ yɛn mu adwuma no teɛ no,


Na sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ma no mmisa Onyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa adeɛ kwa na ahohora nni mu no, na wɔde bɛma no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios