Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Berɛsosɛm 1:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na Dawid ba Salomo hyɛɛ ne ho den n’ahennie ho, na AWURADE ne Nyankopɔn dii n’akyi na ɔmaa no so kɛseɛ pa ara.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na Dawid ba Salomo hyɛɛ ne ho den n’ahennie ho, na AWURADE ne Nyankopɔn dii n’akyi na ɔmaa no soo kɛseɛ pa ara.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔhene Dawid babarima Salomo soo ahenni no mu den, efisɛ Awurade, ne Nyankopɔn kaa ne ho maa no tumi a ɛso.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔhene Dawid babarima Salomo sɔɔ ahennie no mu den, ɛfiri sɛ Awurade, ne Onyankopɔn kaa ne ho maa no tumi a ɛso.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na Dawid ba Solomon hyɛɛ ne ho den n’ahenni so, na AWURADE, ne Nyankopɔn dii n’akyi na ɔmaa no soe kɛse pa ara.

Ver Capítulo Copiar




2 Berɛsosɛm 1:1
17 Referencias Cruzadas  

Na berɛ no mu no, Abimelek ne ne safohene Pikol bɛka kyerɛɛ Abraham sɛ: Onyankopɔn di w’akyi wɔ biribiara a woyɛ mu.


Na AWURADE dii Yosef akyi, na ɔyɛɛ ɔbarima a ne ho wɔ siadeɛ, na ɔtenaa ne wura Misraimni no fie.


Na AWURADE dii Yosef akyi, na ɔdom no, na ɔmaa n’anim baa nyam wɔ afiasehwɛni no anim.


Na ne wura hunuu sɛ AWURADE di n’akyi na AWURADE ma deɛ ɔyɛ nyinaa yɛ yie n’abasa soɔ no,


Na Salomo tenaa n’agya adwa so, na n’ahennie tim pintinn pa.


Na ɔhene hyɛɛ Yoiada ba Benaia, na ɔfirii adi kɔkumm no. Na ahennie no tim Salomo nsam.


na madi w’akyi baabiara a wokɔeɛ, na matwitwa w’atamfo nyinaa afiri w’anim, na mayɛ wo din sɛ asase so nnipa akɛseɛ din.


Afei, me ba, AWURADE nni w’akyi, na yɛ prɔmprɔm, na si AWURADE wo Nyankopɔn fie no, sɛdeɛ ɔkaa no wo ho no.


Sika, dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ no nni ano. Sɔre na yɛ, na AWURADE nni w’akyi.


Na Salomo tenaa AWURADE adwa so dii n’agya Dawid adeɛ, na ɔyɛɛ prɔmprɔm, na Israel nyinaa tiee no.


Na AWURADE maa Salomo so kɛse pa ara Israel nyinaa ani so, na ɔhyɛɛ no ahennie mu animuonyam a ahemfo a wɔdii Israel soɔ dii n’anim no biara nnyaa bi da.


Yeinom da n’ahennie ne ne mmaninyɛ nyinaa, ne deɛ ɛsii ne berɛ so a ɛfa ɔno ara ne ho, Israel ho, ne aman ahennie nyinaa ho adi.


Na nnipa bebree de ayɛyɛdeɛ brɛɛ AWURADE wɔ Yerusalem, na wɔde aboɔdenneɛ brɛɛ Yudahene Hesekia, na wɔmaa no so amanaman nyinaa ani so, yeinom akyi.


Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Mɛdi w’akyi; na yei bɛyɛ wo nsɛnkyerɛnneɛ sɛ me na mesomaa woɔ. Wonya yi ɔman no firi Misraim ba a, mobɛsom Onyankopɔn wɔ bepɔ yi so.


na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni deɛ mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kɔsi wiase awieeɛ.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ɛnnɛ da yi na mɛfiri aseɛ mayɛ wo kɛseɛ Israel nyinaa ani soɔ, na wɔahunu sɛ, sɛdeɛ medii Mose akyire no, saa ara na mɛdi w’akyire.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios