Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Yohane 5:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Sɛ obi hunu ne nua sɛ ɔyɛ bɔne a ɛnkɔ owuo mu a, ɔmmɛsrɛ, na Onyankopɔn bɛma no nkwa de ama wɔn a wɔyɛ bɔne a ɛnkɔ owuo mu no. Bɔne bi wɔ hɔ a ɛkɔ owuo mu; ɛno ho deɛ, menka sɛ mommɔ mpaeɛ mmisa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Sɛ obi hunu ne nua sɛ ɔyɛ bɔne a ɛnkɔ owuo mu a, ɔmmɛsrɛ, na Onyankopɔn bɛma no nkwa de ama wɔn a wɔyɛ bɔne a ɛnkɔ owuo mu no. Bɔne bi wɔ hɔ a ɛkɔ owuo mu; ɛno ho deɛ, menka sɛ mommɔ mpaeɛ mmisa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Sɛ obi hu sɛ ne nua ayɛ bɔne bi a ɛmfa no nkɔ owu mu a, ɔmmɔ Onyankopɔn a ɔbɛma no nkwa no mpae mma no. Eyi fa wɔn a wɔn bɔne mfa wɔn nkɔ owu mu no ho. Bɔne bi wɔ hɔ a ɛde onipa kɔ owu mu na ɛno ho de, menka sɛ mommɔ ho mpae nkyerɛ Onyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Sɛ obi hunu sɛ ne nua ayɛ bɔne bi a ɛmfa no nkɔ owuo mu a, ɔmmɔ Onyankopɔn a ɔbɛma no nkwa no mpaeɛ mma no. Yei fa wɔn a wɔn bɔne mfa wɔn nkɔ owuo mu no ho. Bɔne bi wɔ hɔ a ɛde onipa kɔ owuo mu na ɛno ho deɛ, menka sɛ mommɔ ho mpaeɛ nkyerɛ Onyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Sɛ obi hu ne nua sɛ ɔyɛ bɔne a ɛnkɔ owu mu a, ɔmmɛsrɛ, na Onyankopɔn bɛma no nkwa de ama wɔn a wɔyɛ bɔne a ɛnkɔ owu mu no. Bɔne bi wɔ hɔ a ɛkɔ owu mu; ɛno ho de, menka sɛ ommisa.

Ver Capítulo Copiar




1 Yohane 5:16
32 Referencias Cruzadas  

Na Abraham bɔɔ Onyankopɔn mpaeɛ, na Onyankopɔn saa Abimelek ne ne yere ne ne mfenaa yadeɛ maa wɔwowoe.


Na afei dane ɔbarima no yere kɔma no, ɛfiri sɛ ɔyɛ odiyifoɔ, na wapa kyɛw ama wo, na woanya nkwa; na sɛ woannane no ankɔma no a, ɛnneɛ, hunu sɛ wuo na wobɛwuo, wo ne deɛ ɛwɔ woɔ nyinaa.


Na ɔse anka ɔbɛsɛe wɔn, nanso Mose a ɔyii no no kɔgyinaa n’anim sii abuo no ano, sɛ ɔbɛyi n’abufuo, na wansɛe wɔn.


na ɔkaa sɛ: AWURADE, sɛ manya w’anim adom a, mesrɛ wo, ma AWURADE ntena yɛn mu ne yɛn nkɔ, ɛfiri sɛ wɔyɛ ɔman a wɔn kɔn asene; na fa yɛn amumuyɛ ne yɛn bɔne kyɛ yɛn, na fa yɛn yɛ wo deɛ.


Enti wo deɛ, mpa kyɛw mma ɔman yi, na mma wɔn ho su ne mpaebɔ so, ɛfiri sɛ wɔn amanehunu berɛ no mu, wɔsu frɛ me a, merentie.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Mpa kyɛw nsrɛ papa mma ɔman yi.


Enti wo deɛ, mpa kyɛw biara mma ɔman yi, nso mma wɔn ho abooboodie ne mpaebɔ so na nsrɛ mma wɔn, ɛfiri sɛ merentie wo.


Na mehwehwɛɛ wɔn mu bi a ɔbɛgye ban anaasɛ ɔbɛgyina tokuro mu, m’anim ama asase no na mansɛe no, nanso manhunu obiara.


Na Mose su frɛɛ AWURADE sɛ: O Onyankopɔn ee, mesrɛ wo, sa no yadeɛ ɛ!


Na ɔkra a ɔde aniɛden boapa yɛ biribi, asase no soni oo, ɔhɔhoɔ oo, wasopa AWURADE, na wɔbɛtwa saa ɔnii ko no afiri ne man mu atwene,


Na obiara a ɔbɛka asɛm bi atia Onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no; na deɛ ɔbɛka abususɛm atia Honhom Kronkron no, wɔremfa nkyɛ no.


Me deɛ, meresrɛ mama wɔn; mensrɛ memma wiase, na mmom wɔn a wode wɔn ama me no, ɛfiri sɛ wɔyɛ wo dea.


Aleksandro, kɔbere dwumfoɔ no, yɛɛ me bɔne pii. Awurade bɛtua no ka sɛdeɛ ne nnwuma teɛ.


Deɛ ɛntene nyinaa yɛ bɔne, na bɔne bi wɔ hɔ a ɛnkɔ owuo mu.


Na ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Bɔ AWURADE wo Nyankopɔn mpaeɛ ma wo nkoa, na yɛanwu, ɛfiri sɛ yɛde bɔne yi aka yɛn bɔne nyinaa ho, sɛ yɛabisa ɔhene afa.


Sɛ obi yɛ onipa bi bɔne a, Onyankopɔn bɛpata ama no; na sɛ obi yɛ AWURADE bɔne a, hwan na ɔbɛpa kyɛw ama no? Nanso wɔantie wɔn agya nne, ɛfiri sɛ na AWURADE repɛ aku wɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios