Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Yohane 5:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Deɛ ɔgye Nyankopɔn Ba no die no wɔ adanseɛ, ɔno ara ne mu. Deɛ ɔnnye Onyankopɔn nnie no ama no adane ɔtorofoɔ, ɛfiri sɛ wannye adanseɛ a Onyankopɔn adi wɔ ne Ba ho no anni.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Deɛ ɔgye Nyankopɔn Ba no die no wɔ adanseɛ, ɔno ara ne mu. Deɛ ɔnnye Onyankopɔn nnie no ama no adane ɔtorofoɔ, ɛfiri sɛ wannye adanseɛ a Onyankopɔn adi wɔ ne Ba ho no anni.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Enti obi a ogye Onyankopɔn Ba no di no agye saa adanse yi adi wɔ ne koma mu. Na obi a onnye Onyankopɔn nni no ama Onyankopɔn ayɛ ɔtorofo, efisɛ wannye adanse a Onyankopɔn di faa ne Ba no ho no anni.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Enti, obi a ɔgye Onyankopɔn Ba no di no agye saa adanseɛ yi adi wɔ nʼakoma mu. Na obi a ɔnnye Onyankopɔn nni no ama Onyankopɔn ayɛ ɔtorofoɔ, ɛfiri sɛ, wannye adanseɛ a Onyankopɔn di faa ne Ba no ho anni.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Nea ogye Onyankopɔn ba no di no wɔ adanse n’ankasa ne mu. Nea onnye Onyankopɔn nni no ama wadan ɔtorofo, efisɛ wannye adanse a Onyankopɔn adi ne ba ho no anni.

Ver Capítulo Copiar




1 Yohane 5:10
22 Referencias Cruzadas  

Sɛ ɛnte saa a, hwan na ɔbɛyi me ɔtorofoɔ, na wakyerɛ sɛ m’asɛm no nni mu?


AWURADE yi ne tirim asɛm kyerɛ wɔn a wɔsuro no, na ɔma wɔhunu n’apam no mu.


Na ɔkɔnkɔnsani yɛ AWURADE akyiwadeɛ, na teefoɔ na ɔne wɔn ka atirimusɛm.


Hwan na wagye yɛn asɛnka no adie, na AWURADE basa no, hwan so na ada adie ama no ahunu?


Adɛn nti na me yea wɔ hɔ daa yi, na me kuro ayɛ nkudaa a wɔsa a, ɛnsa yi? Wobɛyɛ sɛ asuo a ɛdi hwammɔ a ɛnnyina ama me anaa?


Onyankopɔn nyɛ onipa, na wadi atorɔ, anaa onipa ba, na wanu ne ho. Ɔno deɛ, ɔbɛka asɛm bi na ɔrenyɛ, anaasɛ ɔbɛkasa na ɔremma no ntim?


Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ wiase nie, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no korɔ no maeɛ, na obiara a ɔgye no die no anyera, na wanya daa nkwa.


Deɛ ɔgye no die no, wɔmmu no atɛn; na deɛ ɔnnye nnie no, wɔabu no atɛn dada sɛ wannye Nyankopɔn ba korɔ no din no annie.


Deɛ ɔgye n’adanseɛ no asi agyinae sɛ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ.


na monni n’asɛm no wɔ mo mu, ɛfiri sɛ deɛ ɔsomaa no no, monnye no nni!


[Na Filipo se: Sɛ wode w’akoma nyinaa gye di a, ɛwɔ ho kwan saa. Na ɔbuaa sɛ: Megye medi sɛ Yesu Kristo ne Nyankopɔn ba.]


Honhom no ara ne yɛn honhom di adanseɛ sɛ yɛyɛ Nyankopɔn mma.


Na mese: Ɔdedifoɔ no yɛ akɔkoaa yi, ɔyɛ nnoɔma nyinaa wura deɛ, nanso nsonsonoeɛ biara nna ɔne akoa ntam;


Na sɛ moyɛ mma nti, Onyankopɔn asoma ne Ba honhom aba mo akoma mu a ɔteam sɛ: Abba, Agya!


Na moawu, na wɔde mo nkwa aka Kristo ho ahunta Nyankopɔn mu;


Monhwɛ yie, anuanom, na akoma bɔne a ɛnnye nnie amma mo mu biara mu, na wanwae amfiri Onyankopɔn teasefoɔ ho.


Nanso yɛwɔ adiyifoɔ asɛm a ɛgyina hɔ pintinn kyɛne saa, ɛno na sɛ mohwɛ no yie sɛ kanea a ɛhran baabi a ɛhɔ yɛ kusuu, de kɔsi sɛ adeɛ bɛkye na adekyeeɛ nsoromma no apue mo akoma mu a, moyɛ no yie.


Sɛ yɛka sɛ yɛnyɛɛ bɔne a, yɛma no dane ɔtorofoɔ, na n’asɛm no nni yɛn mu.


Obiara a ɔgye di sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn na wawo no; na obiara a ɔdɔ ɔwofoɔ no, ɔdɔ deɛ ɔwoo no no nso.


Na ɔtweaseɛ no bo fuu ɔbaa no, na ɔkɔtuu n’asefoɔ nkaeɛ a wɔdi Nyankopɔn ahyɛdeɛ soɔ na wɔkura Yesu Kristo adanseɛ no so sa.


Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo ahodoɔ no: Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma no mana a ahunta no bi adi, na mɛma no ɔboɔ fitaa, na ɔboɔ no so na wɔatwerɛ din foforɔ bi a obiara nnim, sɛ deɛ ɔnya no nko.


sɛdeɛ me nso menyaeɛ wɔ m’Agya nsa mu no; na mɛma no adekyeeɛ nsoromma no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios