Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Yohane 4:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Na ahyɛdeɛ yi na yɛanya no ne nkyɛn sɛ, deɛ ɔdɔ Onyankopɔn no, ɔnnɔ ne nua nso.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Na ahyɛdeɛ yi na yɛanya no ne nkyɛn sɛ, deɛ ɔdɔ Onyankopɔn no, ɔnnɔ ne nua nso.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Eyi ne mmara a Kristo hyɛ maa yɛn. Nea ɔdɔ Onyankopɔn no, ɛsɛ sɛ ɔdɔ ne nua nso.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Yei ne mmara a Kristo hyɛ maa yɛn. Deɛ ɔdɔ Onyankopɔn no, ɛsɛ sɛ ɔdɔ ne nua nso.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Na ahyɛde yi na yɛanya ne nkyɛn sɛ, nea ɔdɔ Onyankopɔn no, ɔnnɔ ne nua nso.

Ver Capítulo Copiar




1 Yohane 4:21
20 Referencias Cruzadas  

Ntɔ were na nnya wo nkurɔfoɔ mu biara ho menasepɔ, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho: Mene AWURADE.


Moate sɛ wɔkaa sɛ: Dɔ wo yɔnko na tane wo tamfo.


Na ɔse: Deɛ ɔhunuu no mmɔborɔ no a. Ɛnna Yesu see no sɛ: Kɔ, na wo nso kɔyɛ saa ara!


Yei ne m’ahyɛdeɛ, sɛ monnodɔ mo ho sɛdeɛ medɔɔ mo no.


Na mmara no nyinaa wie pɛyɛ asɛm baako mu, ɛne sɛ: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!


Ɛfiri sɛ Kristo Yesu mu deɛ, twetiatwa anaa momonotoyɛ nyɛ hwee, na mmom gyidie a ɛnam ɔdɔ so yɛ adwuma.


Na onuadɔ ho deɛ, ɛnhia mo sɛ wɔtwerɛ brɛ mo, ɛfiri sɛ mo ara na Onyankopɔn akyerɛkyerɛ mo sɛ monnodɔ mo ho;


N’awieeɛ ne sɛ mo nyinaa nnya adwenkorɔ, monhunu mmema mo ho, monnodɔ mo ho sɛ anuanom, mo yam nhyehye mo mmema mo ho, monnwene ahobrɛaseɛ adwene.


Na ne titire no, momfa ɔdɔ a emu yɛ den nnodɔ mo ho, ɛfiri sɛ ɔdɔ kata bɔne pii so.


Adɔfo, ɛnyɛ ahyɛdeɛ foforɔ na meretwerɛ mabrɛ mo, na mmom ahyɛdeɛ dada a moanya firi mfitiaseɛ no. Ahyɛdeɛ dada no ne asɛm a moateɛ no.


Na yei ne kaseɛ a moate firi mfitiaseɛ sɛ yɛnnodɔ yɛn ho no,


Yɛn deɛ, yɛnim sɛ yɛatwa mu afiri owuo mu akɔ nkwa mu, ɛfiri sɛ yɛdɔ anuanom. Deɛ ɔnni dɔ no te owuo mu.


Me mma nkumaa, mommma yɛmmfa asɛm anaa tɛkyerɛma nnɔ, na mmom momma yɛnnɔ nneyɛɛ ne nokorɛ mu.


Na yei ne n’ahyɛdeɛ, sɛ yɛnnye ne Ba Yesu Kristo din no nni, na yɛnnodɔ yɛn ho, sɛdeɛ ɔmaa yɛn ahyɛdeɛ no.


Adɔfo, sɛ Onyankopɔn dɔɔ yɛn sɛɛ a, ɛnneɛ ɛsɛ yɛn nso sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios