Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Yohane 3:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Anuanom, wiase tan mo a, mommma no nnyɛ mo nwanwa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Anuanom, wiase tan mo a, mommma no nnyɛ mo nwanwa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Enti anuanom, sɛ wiasefo tan mo a, mommma ɛnyɛ mo nwonwa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Enti, anuanom, sɛ ewiasefoɔ tane mo a, mommma ɛnyɛ mo nwanwa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Anuanom, wiase tan mo a, mommma ɛnnyɛ mo nwonwa.

Ver Capítulo Copiar




1 Yohane 3:13
18 Referencias Cruzadas  

Ateneneefoɔ akyiwadeɛ ne busufoɔ, na ɔbɔnefoɔ nso akyiwadeɛ ne deɛ ne kwan yɛ tee.


Na sɛ wohunu mmɔborɔni sɛ wɔhyɛ ne soɔ, ne atemmuo, ne tenenee anidane wɔ asase bi so a, mma wo ho nnnwiri wo saa asɛm no ho, na deɛ ɔso no, deɛ ɔso sene no hwɛ no so, na deɛ ɔso koraa no hwɛ wɔn so.


Na me din nti, nnipa nyinaa bɛtane mo; na deɛ ɔbɛgyina ano akɔduru awieeɛ no, ɔno na wɔbɛgye no nkwa.


Ɛnna wɔbɛyi mo ama ahohiahia, na wɔakum mo, na me din nti, aman nyinaa bɛtane mo.


Na me din nti, nnipa nyinaa bɛtane mo. Na deɛ ɔbɛgyina mu akɔduru awieeɛ no, ɔno na wɔbɛgye no nkwa.


Na me din nti nnipa nyinaa bɛtane mo.


Nhyira ne mo sɛ nnipa kyiri mo, na wɔyi mo firi wɔn mu na, wɔya mo, na wɔto mo din twene sɛ dimmɔne, Onipa Ba no nti.


Wɔbɛtu mo afiri hyia adan mu; mpo ɛberɛ reba a obiara a ɔbɛkum mo bɛsusu sɛ ɔde resom Onyankopɔn.


Yeinom na maka mo, na moanya me mu asomdwoeɛ. Mo ho bɛhiahia mo wiase deɛ, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Madi wiase so nkonim.


Mede w’asɛm mama wɔn; na wiase atane wɔn, ɛfiri sɛ wɔmfiri wiase, sɛdeɛ me nso memfiri wiase no.


Mma no nnyɛ wo nwanwa sɛ meka mekyerɛɛ wo sɛ: Ɛtwa sɛ wɔwo mo foforɔ.


Wiase ntumi ntane mo; na me na ɛtane me, ɛfiri sɛ, medi adanseɛ sɛ, ne nnwuma yɛ bɔne.


Na Petro hunuiɛ no, ɔsee ɔman no sɛ: Israel mmarima, adɛn na oyi ho yɛ mo nwanwa, anaasɛ adɛn na mohwɛ yɛn haa sɛdeɛ yɛn ara yɛn tumi, anaa ɛsom pa na yɛde maa no nanteeɛ yi?


Ɛfiri sɛ honam adwene yɛ nitan a ɛtane Onyankopɔn, na ɛmfa ne ho nhyɛ Nyankopɔn mmara no aseɛ, na mpo ɛntumi;


Na wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tena ase Kristo Yesu mu nyinaa, wɔbɛtaa wɔn.


Awaresɛefoɔ, monnim sɛ wiase adamfofa ne ɔtane a wɔtane Onyankopɔn? Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfoɔ no gyina hɔ sɛ Nyankopɔn tamfo.


Na ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ: Adɛn nti na ayɛ wo nwanwa? Mɛka wo ɔbaa no ne aboa a ɔso no a ɔwɔ tire nson ne mmɛn du no ho ahuntasɛm no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios