Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Timoteo 3:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Ɛyɛ nokwasɛm sɛ, sɛ obi pɛ ɔhwɛfoɔ adwuma a, na wapɛ adwuma pa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Ɛyɛ nokwasɛm sɛ, sɛ obi pɛ ɔhwɛfoɔ adwuma a, na wapɛ adwuma pa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Ɛyɛ sɛnnahɔ sɛ, sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ asafopanyin a, na wafa adwuma pa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɛyɛ sɛnnahɔ sɛ, sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ asafopanin a, na wafa adwuma pa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Ɛyɛ nokwasɛm sɛ, sɛ obi pɛ ɔhwɛfo adwuma a, wapɛ adwuma pa.

Ver Capítulo Copiar




1 Timoteo 3:1
19 Referencias Cruzadas  

Ɔteneneeni aba yɛ nkwa dua, na onyansafoɔ deɛ ɔnya akra.


Saa ara na mese mo sɛ: Anigyeɛ ba Nyankopɔn abɔfoɔ anim ɔdebɔneyɛni baako a ɔsakyera n’adwene ho.


Na wɔatwerɛ no Nnwom nwoma mu sɛ: Ne tenaberɛ nyɛ amamfo, na obiara nntena mu! Na ne hwɛ adwuma no deɛ, ɔfoforɔ mfa!


Enti monhwɛ mo ho ne nnwankuo nyinaa a Honhom Kronkron de mo asisi wɔn so ahwɛfoɔ, sɛ mobɛyɛne Nyankopɔn asafo a ɔde ɔno ara mogya anya wɔn no yie.


Na mo amanaman mufoɔ na mekasa mekyerɛ mo: Ɛsiane sɛ meyɛ amanaman mu somafoɔ nti, mekamfo me som,


na wɔatoto ahotefoɔ yie ama ɔsom adwuma no, ama Kristo nipadua no sie akɔ so,


Paulo ne Timoteo, Kristo Yesu nkoa, de kɔma Kristo Yesu mu ahotefoɔ a wɔwɔ Filipi nyinaa ne ahwɛfoɔ ne asomfoɔ:


Afei yɛtu mo fo, anuanom, sɛ monkasa nkyerɛ wɔn a wɔnam basabasa, monkyekyere wɔn a wɔn akoma atuo werɛ, monsɔ wɔn a wɔyɛ mmerɛ mu, montɔ mo bo ase mma nnipa nyinaa.


Ɛyɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wɔgye koraa, sɛ Kristo Yesu baa wiase bɛgyee nnebɔneyɛfoɔ a me na medi wɔn mu kan.


Ɛyɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wɔgye koraa.


Nokwasɛm nie: Sɛ yɛne no awu a, yɛne no bɛtena ase nso.


Na deɛ ɛsɛ ɔhwɛfoɔ ne sɛ: Wɔnni ne ho asɛm bi ka, sɛ Nyankopɔn fiehwɛfoɔ. Ɔnyɛ ɔhopɛfoɔ, abufufafoɔ, ɔsadweam, pupopupo, anaa odufudepɛfoɔ,


Ɛyɛ nokwasɛm, na yeinom na mehwɛ sɛ wohyɛ mu den, na wɔn a wɔagye Onyankopɔn adie no adwene sɛdeɛ wɔbɛbɔ nnwuma pa ho mmɔden. Yeinom ne deɛ ɛyɛ fɛ na ɛyɛ mfasoɔ ma onipa.


Na monhwɛ yie na obi amfiri Nyankopɔn adom no ho anka akyi, na wannyɛ te sɛ nhini nwononwono bi amfiri anyɛ ɔhaw biara, na wamfa nkekaeɛ ammɛkeka nnipa bebree,


Na anka mote sɛ nnwan a wɔayera, na afei moasane aba mo kra Hwɛfoɔ ne Wɛmfoɔ no nkyɛn.


Na mommma mo mu bi nnhunu amane sɛ owudifoɔ anaa owifoɔ anaa ɔdebɔneyɛfoɔ anaa ɔsɛmpɛfoɔ ebinom nsɛm mu.


Monyɛne Nyankopɔn nnwankuo a wɔwɔ mo mu no. Monhwɛ wɔn so, ɛnyɛ ɔhyɛ so, na mmom ɔdɔ mu, sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ; ɛnyɛ adufudepɛ nti, na mmom akoma a ɛpɛ nti;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios