Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Timoteo 2:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 a ɔpɛ sɛ wɔgye nnipa nyinaa nkwa na wɔba nokorɛ nimdeɛ mu no ani.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 a ɔpɛ sɛ wɔgye nnipa nyinaa nkwa na wɔba nokorɛ nimdeɛ mu no ani.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 ɔpɛ sɛ wogye nnipa nyinaa nkwa na wohu nokware no ani.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 ɔpɛ sɛ wɔgye nnipa nyinaa nkwa na wɔhunu nokorɛ no ani.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 a ɔpɛ sɛ wogye nnipa nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu no ani.

Ver Capítulo Copiar




1 Timoteo 2:4
32 Referencias Cruzadas  

Monnane mo ho mmra me nkyɛn na wɔnnye mo nkwa, mo asase ano nyinaa. Na mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ bio.


ɔse: Ɛyɛ hare sɛ wobɛyɛ m’akoa na woama Yakob mmusuakuo soɔ, na wode Israel mu wɔn a wɔakora wɔn no asane aba; na mede wo bɛyɛ amanaman hann, na woayɛ me nkwagyeɛ akɔduru asase ano.


Ɔbɛhunu ne kra brɛ no ho adeɛ amee. Ne hunu mu na m’akoa teneneeni no bɛnya tenenee ama nnipa pii, na ɔno ara afa wɔn amumuyɛ nso asoa.


Mommra oo, mo a sukɔm de mo nyinaa, mommra nsuo ho, na mo a monni sika no, mommra mmɛtɔ, na monni. Mommra mmɛtɔ nsa ne nufosuo; ɛnyɛ sika na wɔde tɔ, na ɛnni boɔ nso.


Pɛ na mepɛ ɔbɔnefoɔ wuo anaa? AWURADE Nyankopɔn asɛm nie; ɛnyɛ sɛ ɔsane firi ne kwan soɔ na ɔnya nkwa na mepɛ anaa?


Na menni deɛ ɔrewuo no wuo ho anigyeɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Enti monsane, na mommɛnya nkwa.


Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, ɔbɔnefoɔ wuo nyɛ me fɛ, na mmom sɛ ɔbɔnefoɔ bɛsane afiri ne kwan soɔ na wanya nkwa! Monsane, monsane mfiri mo akwammɔne so! Adɛn nti na morewuwuo yi, Israel fie?


Na afei deɛ, AWURADE animuonyam ho nimdeɛ bɛhyɛ asase so ma sɛdeɛ nsuo kata ɛpo soɔ.


Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafoɔ, na mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu,


Na ɔsee wɔn sɛ: Monkɔ wiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ abɔdeɛ nyinaa.


na wode nkwagyeɛ ho nimdeɛ ama ne man, wɔ wɔn bɔne fakyɛ a


Na owura no ka kyerɛɛ akoa no sɛ: Firi adi kɔ akwan so ne ban ho, na kɔhyɛ wɔn na wɔmmra, na me fie ha nyɛ ma.


na wɔafa ne din so akɔka adwensakyera ne bɔne fakyɛ amansan nyinaa mu, na wɔbɛfiri aseɛ wɔ Yerusalem.


Yesu see no sɛ: Mene kwan no, nokorɛ no ne nkwa no; obi mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.


Yɛ wɔn kronkron wɔ nokorɛ mu; w’asɛm yɛ nokorɛ.


Wɔn a Agya no de wɔn ma me nyinaa bɛba me nkyɛn; na deɛ ɔba me nkyɛn no, merento no ntwene da,


sɛ ebia mɛma wɔn a wɔyɛ me mfɛfoɔ Yudafoɔ no atwe ninkunu, na magye wɔn mu binom nkwa.


Yei nti na yɛyɛ adwuma brɛ na yɛpere, ɛfiri sɛ yɛde yɛn ani ato Onyankopɔn teasefoɔ a ɔyɛ nnipa nyinaa, ne titire no agyidifoɔ, Agyenkwa no so.


na ɔde ɔdwoɔ kasa kyerɛ wɔn a wɔne no di asie wɔ nsɛm mu, sɛ ebia Onyankopɔn bɛma wɔn adwensakyera akɔ nokorɛ no hunu mu,


wɔn a wɔsua daa, nanso wɔntumi nhunu nokorɛ no da.


Paulo, Nyankopɔn akoa ne Yesu Kristo somafoɔ ma wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn gyidie ne onyamesom pa ho nokorɛ no nimdeɛ,


Na Nyankopɔn adom a ɛde nkwagyeɛ ba ma nnipa nyinaa no ayi ne ho.


Na sɛ yɛnya nya nokorɛ no mu nimdeɛ, na akyire yi yɛboapa kɔyɛ bɔne a, na bɔne ho afɔdeɛ biara nni hɔ bio,


Na sɛ mowɔ nitanmmɔne ne mansotwe mo akoma mu a, ɛnneɛ monnhoahoa mo ho, na monnni atorɔ nntia nokorɛ.


Awurade nkyɛre ne bɔhyɛ ho, sɛdeɛ ebinom bu no sɛ ɛkyɛreɛ, na mmom ɔma ne bo dwo kyɛre ma mo, ɔmpɛ sɛ obiara bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakyera mu.


Me, ɔpanin no, twerɛ kɔma Awuraa a wɔayi no, ne ne mma a medɔ wɔn nokorɛ mu, na ɛnyɛ me nko ara, na wɔn a wɔahunu nokorɛ no nyinaa,


Na mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔtu nam soro mfimfini a ɔkura daa asɛmpa bi rekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asase soɔ, ne aman ne mmusuakuo ne kasa ne nkurɔfoɔ nyinaa,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios