Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Timoteo 2:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 ahemfo ne wɔn a wɔdi tumi nyinaa, na yɛatena ase komm, na yɛn ho adwo yɛn, onyamesom pa ne abrabɔ a ɛho yɛ nyam nyinaa mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 ahemfo ne wɔn a wɔdi tumi nyinaa, na yɛatena ase komm, na yɛn ho adwo yɛn, onyamesom pa ne abrabɔ a ɛho yɛ nyam nyinaa mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 monyɛ saa ara mma ahemfo ne wɔn a tumi hyɛ wɔn nsa nyinaa na yɛatumi atena ase asomdwoe mu wɔ onyamesom ne suban pa mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 monyɛ saa ara mma ahemfo ne wɔn a tumi hyɛ wɔn nsa nyinaa na yɛatumi atena ase asomdwoeɛ mu wɔ onyamesom ne suban pa mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 ahemfo ne wɔn a wodi tumi nyinaa, na yɛatena ase komm, na yɛn ho adwo yɛn, onyamesom pa ne abrabɔ a ɛho yɛ nyam nyinaa mu.

Ver Capítulo Copiar




1 Timoteo 2:2
22 Referencias Cruzadas  

Meyɛ wɔn a wɔpɛ asomdwoeɛ ne nokorɛ no mu baako, wo deɛ, worehwehwɛ akum Israel mu kuro a ɛyɛ ɛna; adɛn nti na worebɛmene AWURADE agyapadeɛ?


na wɔmmɔ afɔdeɛ hwamhwam mma ɔsoro Nyankopɔn, na wɔnyi ɔhene ne ne mma nkwa so apaeɛ.


Ao, AWURADE, ma w’aso mmra w’akoa mpaebɔ ne wo nkoa a wo din suro yɛ wɔn fɛ mpaebɔ so, na ma no nsi w’akoa yie nnɛ, na ma no mmɔborɔhunu ɔbarima yi anim. Nso na mene ɔhene nsahyɛni wɔ ɛberɛ no mu.


Onyankopɔn, fa w’atemmuo ma ɔhene, ne wo tenenee ma ɔhene ba.


Me ba, suro AWURADE ne ɔhene, mfa wo ho mmɔ atuatefoɔ ho,


Na monhwehwɛ kuro a memaa wɔtuu mo kɔɔ hɔ no yiedie, na mommɔ AWURADE mpaeɛ mma no; na ne yiedie mu na mobɛdi yie.


Na wɔn baanu nyinaa tene wɔ Nyankopɔn anim di Awurade ahyɛdeɛ ne teneneedeɛ nyinaa so a ɛho nni asɛm,


Na hwɛ, ɔbarima bi wɔ Yerusalem a wɔfrɛ no Simeon; saa onipa yi tene, ɔsuro Nyame, na ɔretwɛn Israel awerɛkyekyerɛ no, na Honhom Kronkron wɔ ne so.


Na wɔbuaa sɛ: Asraafoɔ ɔha so panin Kornelio, onipa tenenee a ɔsuro Onyankopɔn na ɔwɔ din pa Yudafoɔ man nyinaa mu, ɔno na ɔbɔfoɔ kronkron bi yi kyerɛɛ no sɛ ɔmmɛfrɛ wo mmra ne fie, na ɔntie w’anomu nsɛm.


Na yei mu na mesɔ me ho mehwɛ, sɛ mɛnya ahonim a ɛnni fɔ Nyankopɔn ne nnipa fam daa.


Sɛ ɛbɛtumi a, mo fam deɛ, mo ne nnipa nyinaa ntena asomdwoeɛ mu.


Afei deɛ ɛdi akyire, anuanom, deɛ ɛyɛ nokorɛ, deɛ anim yɛ duro, deɛ ɛtene, deɛ ɛho teɛ, deɛ ɛyɛ ahomeka, deɛ ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyie bi wɔ hɔ a, saa nnoɔma yi ho na monnwene;


na mommɔ mmɔden nyɛ komm, na monyɛ mo ara mo adeɛ, na momfa mo ara mo nsa nyɛ adwuma, sɛdeɛ yɛhyɛɛ mo no,


Monni mo ne nnipa nyinaa ntam asomdwoeɛ ne ahoteɛ a obi kwati a, ɔrenhunu Awurade no akyiri.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios