Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Timoteo 1:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Nanso yei nti wɔahu me mmɔbɔ, sɛ me a medi kan mu na Yesu Kristo bɛyi abodwokyɛre nyinaa adi de ayɛ wɔn a wɔrebɛgye no adie akɔ daa nkwa mu no nhwɛsoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Nanso yei nti wɔahu me mmɔbɔ, sɛ me a medi kan mu na Yesu Kristo bɛyi abodwokyɛre nyinaa adi de ayɛ wɔn a wɔrebɛgye no adie akɔ daa nkwa mu no nhwɛsoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Nanso esiane saa nti, wahu me mmɔbɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a me a meyɛ ɔdebɔneyɛni a odi kan no, Kristo Yesu nam me so bɛda ne boasetɔ a enni awiei no adi akyerɛ wɔn a wobegye no adi no na wɔanya nkwa a enni awiei.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Nanso, ɛsiane saa enti, wahunu me mmɔbɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a me a meyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔdi ɛkan no, Kristo Yesu nam me so bɛda ne boasetɔ a ɛnni awieeɛ no adi akyerɛ wɔn a wɔbɛgye no adi no na wɔanya nkwa a ɛnni awieeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Nanso eyi nti wɔahu me mmɔbɔ, sɛ me a midi kan mu na Yesu Kristo beyi abodwokyɛre nyinaa adi, de ayɛ wɔn a wɔrebegye no adi akɔ daa nkwa mu no nhwɛso.

Ver Capítulo Copiar




1 Timoteo 1:16
37 Referencias Cruzadas  

Na ne mpaebɔ ne sɛ wɔtiee no no, ne ne bɔne ne mmarato nyinaa, ne faako a ɔtotoo sorɔnsorɔmmea, na ɔsisii Asera nnua ne ahoni ansa na ɔrebrɛ ne ho aseɛ no, hwɛ, wɔatwerɛ no adehunufoɔ nsɛm mu.


AWURADE, wo din nti fa me bɔne kyɛ me, na ɛdɔɔso pii.


Na Mose yɛɛ ntɛm kotoo fam sɔree;


Mommra mma yɛmfa adwene ɛ, AWURADE na ɔseɛ; sɛ mo bɔne te sɛ koogyan a, ɛbɛhoa sɛ nwera, sɛ ɛbere sɛ mogya a, ɛbɛyɛ fitaa sɛ akaadoo.


Me, me ara, mene deɛ ɔpepa wo mmarato, me ara me nti, na wo bɔne nso, merenkaeɛ.


Ma ɔbɔnefoɔ nnane ne kwan nnya, na onipa huhuo nnane n’adwene nnya, na ɔnsane mmra AWURADE nkyɛn, na ne yam bɛhyehye no ama no, ne yɛn Nyankopɔn no nkyɛn, na ne fakyɛ a ɔde bɛkyɛ dɔɔso.


Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Kɔgyina wo hyeɛ afɔdeɛ no ho, na menkɔ. Ebia AWURADE bɛhyia me, na ade ko a ɔbɛma mahunu no, mɛka makyerɛ wo. Na ɔsii mu kɔɔ kokoɔ pataa bi so.


Saa ara na mese mo sɛ: Anigyeɛ ba Nyankopɔn abɔfoɔ anim ɔdebɔneyɛni baako a ɔsakyera n’adwene ho.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nokorɛ mese wo sɛ, nnɛ wobɛka me ho wɔ Paradise hɔ.


Na yei nti mese wo sɛ, wɔde ne bɔne a ɛdɔɔso no akyɛ, ɛfiri sɛ ɔdɔ pii. Na deɛ wɔde kakraa bi kyɛ no no, ɔdɔ kakraa bi.


Na yeinom na wɔatwerɛ sɛ monnye nni sɛ Yesu ne Kristo no, Nyankopɔn Ba, na mogye di a, moanya nkwa ne din mu.


Deɛ ɔgye Ɔba no die no wɔ daa nkwa; na deɛ ɔntie Ɔba no deɛ, ɔrenya nkwa, na Nyankopɔn abufuo da ne so.


Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ ɔte m’asɛm, na ɔgye deɛ ɔsomaa me no die no wɔ daa nkwa, na ɔremma atemmuo mu, na watwa mu afiri owuo mu kɔ nkwa mu.


Wɔn a Agya no de wɔn ma me nyinaa bɛba me nkyɛn; na deɛ ɔba me nkyɛn no, merento no ntwene da,


Na yei ne m’Agya no apɛdeɛ, sɛ obiara a ɔhunu Ɔba no na ɔgye no die no nnya daa nkwa; na mɛnyane no ɛda a ɛdi akyire no.


Deɛ ɔdi me honam na ɔnom me mogya no wɔ daa nkwa, na mɛnyane no ɛda a ɛdi akyire no.


na nnoɔma a montumi nni ho bem Mose mmara mu no nyinaa, oyi mu na obiara a ɔgye die no di ho bem.


Na biribiara a wɔatwerɛ ato hɔ no, wɔatwerɛ ama yɛn nkyerɛkyerɛ, sɛ yɛmfa boasetɔ ne twerɛ nsɛm no mu awerɛkyekyerɛ so nnya anidasoɔ.


Na bɔne akatua ne owuo; na Nyankopɔn adom akyɛdeɛ ne daa nkwa, yɛn Awurade Kristo Yesu mu.


Na wɔn a wɔnwareeɛ ho deɛ, menni Awurade ahyɛdeɛ biara; nanso mereka m’adwene sɛ obi a Awurade mmɔborɔhunu ama no ayɛ ɔnokwafoɔ.


Saa nti, sɛ yɛnam Nyankopɔn mmɔborɔhunu so wɔ saa som yi nti, yɛmpa aba,


sɛ yɛn a yɛn ani daa Kristo so kane no mmɛyɛ n’animuonyam ayeyie.


na ama wɔayi n’adom a ɔde adom yɛn wɔ ne Dɔba mu no animuonyam ayɛ.


sɛ wiase a ɛreba no mu ɔbɛyi n’adom ahonya a ɛboro soɔ no adi wɔ ayamyɛ a ɔyɛ yɛn Kristo Yesu mu mu.


ɛberɛ a ɛbɛba sɛ wɔnhyɛ no animuonyam n’ahotefoɔ mu. Na wɔnhwɛ n’anwanwadeɛ wɔ wɔn a wɔagye adie nyinaa mu, ɛfiri sɛ wɔagye yɛn adanseɛ a yɛdii mo no adi, ɛda no ara mu.


Ɛwom sɛ na anka kane no, meyɛ mmusubɔfoɔ ne ɔtaafoɔ ne oniɛdenfoɔ, nanso wɔahu me mmɔborɔ, ɛfiri sɛ na mennim na meyɛɛ no gyeɛ a mannye mannie mu.


Saa nti, ɔbɛtumi agye wɔn a wɔnam ne so ba Nyankopɔn nkyɛn no koraa, ɛfiri sɛ ɔte ase daa sɛ ɔbɛdi ama wɔn.


a tete no wɔyɛ asoɔdenfoɔ, ɛberɛ a Nyankopɔn abodwokyɛre twɛneeɛ, Noa nna a wɔreyɛ adaka no mu. Emu na akra kakraa bi a wɔn ano si baawɔtwe nyaa nkwa nsuo no mu.


na mommu yɛn Awurade abodwokyɛre no sɛ nkwagyeɛ, sɛdeɛ yɛn nua dɔfo Paulo nso de ne nyansa a wɔde ama no twerɛɛ mo no,


Awurade nkyɛre ne bɔhyɛ ho, sɛdeɛ ebinom bu no sɛ ɛkyɛreɛ, na mmom ɔma ne bo dwo kyɛre ma mo, ɔmpɛ sɛ obiara bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakyera mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios