Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Timoteo 1:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na meda Kristo Yesu, yɛn Awurade a ɔhyɛɛ me den no ase, sɛ wabu me ɔnokwafoɔ de me ahyɛ ɔsom no mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Na meda Kristo Yesu, yɛn Awurade a ɔhyɛɛ me den no ase, sɛ wabu me ɔnokwafoɔ de me ahyɛ ɔsom no mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Meda yɛn Awurade Yesu Kristo a wama me ahoɔden ma midi me dwuma no ase. Meda no ase sɛ wadwene me ho sɛ mefata na wayi me sɛ mensom no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Meda yɛn Awurade Yesu Kristo a wama me ahoɔden ma medi me dwuma no ase. Meda no ase sɛ wadwene me ho sɛ mefata na wayi me sɛ mensom no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na meda yɛn Awurade Kristo Yesu a ɔhyɛɛ me den no ase, sɛ wabu me ɔnokwafo de me ahyɛ ɔsom no mu.

Ver Capítulo Copiar




1 Timoteo 1:12
26 Referencias Cruzadas  

Na ɔsee wɔn nso sɛ: Mo nso monkɔ me bobe turo mu, na akatua a ɛyɛ no na mede bɛma mo.


sɛ wɔn nyinaa nni Ɔba no ni, sɛdeɛ wɔdi Agya no ni no. Deɛ ɔnni Ɔba no ni no nni Agya a ɔsomaa no no ni.


Na wɔbɔɔ ɔno ne ne fiefoɔ asu no, ɔsrɛɛ sɛ: Sɛ moabu me sɛ megye Awurade medi nokorɛ mu a, mommra mmɛtena me fie; na ɔsrɛɛ yɛn ara maa yɛn ne no kɔe.


Ɛnna Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ ara, na oyi ne adwumadeɛ a mayi no a ɔbɛsoa me din akɔ amanaman ne ahemfo ne Israel mma anim.


Na Saulo kɔɔ so ara nyaa ahoɔden, na ɔmaa Yudafoɔ a wɔte Damasko no ho yeraa wɔn, na ɔdii adanseɛ kyerɛɛ sɛ Yesu ne Kristo no.


nanso Nyankopɔn adom nti na mete sɛdeɛ meteɛ yi; na n’adom a ɔde dom me no anyɛ kwa, na mmom meyɛɛ adwuma bebree mesene wɔn nyinaa, nanso ɛnyɛ me a, na mmom Nyankopɔn adom a ɛka me ho no a.


Na Apolo ne hwan? Paulo ne hwan? Wɔyɛ asomfoɔ a monam wɔn so agye adie, na wɔn mu biara wɔ deɛ Awurade de ama no.


Na wɔn a wɔnwareeɛ ho deɛ, menni Awurade ahyɛdeɛ biara; nanso mereka m’adwene sɛ obi a Awurade mmɔborɔhunu ama no ayɛ ɔnokwafoɔ.


Saa nti, sɛ yɛnam Nyankopɔn mmɔborɔhunu so wɔ saa som yi nti, yɛmpa aba,


na mmom, mo nyinaa nam gyidie so yɛ Nyankopɔn mma, Kristo Yesu mu.


Yudani anaa Helani nni hɔ, akoa anaa ɔdehyeɛ nni hɔ, ɔbarima anaa ɔbaa nni hɔ bio; ɛfiri sɛ mo nyinaa yɛ baako, Kristo Yesu mu.


na tɛkyerɛma nyinaa mpae mu nka sɛ Yesu Kristo ne Awurade nhyɛ Agya Nyankopɔn animuonyam.


metumi ade nyinaa yɛ, deɛ ɔhyɛ me den no mu.


a mayɛ ne somfoɔ, sɛdeɛ Nyankopɔn fiehwɛdwuma no teɛ. Yei na wɔde ama me wɔ mo famu, sɛ mehyɛ Nyankopɔn asɛm no ma.


Paulo, Kristo Yesu somafoɔ, sɛdeɛ yɛn Agyenkwa Nyankopɔn ne Awurade Kristo Yesu a ɔno ne yɛn anidasoɔ no hyɛeɛ no,


sɛdeɛ nhyira Nyankopɔn animuonyam asɛmpa a wɔde ahyɛ me nsa no teɛ no.


de kɔma Timoteo a ɔyɛ me gyidie mu ɔba nokorɛ mu: Adom, mmɔborɔhunu, ne asomdwoeɛ mfiri Agya Nyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu nka wo.


Metu wo fo Onyankopɔn a ɔma nnoɔma nyinaa nkwa ne Kristo Yesu a ɔpaee mu kaa no yie, dii ho adanseɛ Pontio Pilato anim no


Na deɛ wote firii m’anomu, adansefoɔ bebree anim no, ɛno ara na fa hyɛ nnipa anokwafoɔ a wɔbɛtumi akyerɛkyerɛ ebinom nso nsa.


Na Awurade gyinaa m’akyi, na ɔhyɛɛ me den, na wɔafa me so awie asɛnka no, na amanaman mufoɔ nyinaa ate; na wɔyii me firii gyata anomu.


de kɔma Tito, me ba pa gyidie korɔ no ara fam. Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri Agya Nyankopɔn ne Kristo Yesu, yɛn Agyenkwa no, nka wo!


nanso, ɔdɔ nti mesrɛ wo mmom, me, akora Paulo a seesei mesane meyɛ Kristo Yesu deduani nso:


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios