Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Timoteo 1:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 adwamammɔfoɔ ne mmarima a wɔne mmarima da, nnipatɔnfoɔ, atorofoɔ, ntantofoɔ ne biribiara a ɛka ho a ɛne nkyerɛkyerɛ pa no di asie,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 adwamammɔfoɔ ne mmarima a wɔne mmarima da, nnipatɔnfoɔ, atorofoɔ, ntantofoɔ ne biribiara a ɛka ho a ɛne nkyerɛkyerɛ pa no di asie,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 afideyɛfo, aguamammɔfo, nnipawiafo, atorofo a wɔka nkontomposɛm anaa wɔyɛ biribi a ɛne nokware nkyerɛkyerɛ no bɔ abira no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 afideyɛfoɔ, adwamammɔfoɔ, nnipawiafoɔ, atorofoɔ a wɔka nkontomposɛm anaa wɔyɛ biribi a ɛne nokorɛ nkyerɛkyerɛ no bɔ abira no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 aguamammɔfo ne a wɔne mmarima da, nnipatɔnfo, atorofo, ntantofo, ne biribiara a ɛka ho a ɛne kyerɛ pa no di asi,

Ver Capítulo Copiar




1 Timoteo 1:10
34 Referencias Cruzadas  

Na wɔfrɛɛ Lot ka kyerɛɛ no sɛ: Mmarima a wɔbaa wo nkyɛn anadwo yi no wɔ he? Yi wɔn brɛ yɛn, na yɛne wɔn nna.


Mommra mma yɛntɔn no mma Ismaelfoɔ. Mommma yɛmmfa yɛn nsa nnka no, ɛfiri sɛ ɔyɛ yɛn nua ne yɛn mogya. Na ne nuanom no tiee no.


ɛfiri sɛ wia na wɔwiaa me Hebrifoɔ asase soɔ, na ɛha nso menyɛɛ hwee a anka ɛsɛ sɛ wɔde me bɛto amena yi mu.


Mmɔ AWURADE wo Nyankopɔn din kwa, na AWURADE remma deɛ ɔbɔ ne din kwa no mfa ne ho tɔtorɔtɔɔ.


Deɛ ɔwia onipa tɔn no anaasɛ wɔhu no ne nsam no, kum na wɔnku no.


Wɔakeka nsɛm, wɔakeka ntanhunu de apam apam, na atemmuo fu sɛ nkonyabi wɔ afuo mu nkofie so.


Na wo ne ɔbarima nnna ɔbaa nna; ɛyɛ akyiwadeɛ.


Na ɔbarima a ɔne ɔbarima bi da ɔbaa nna no, wɔn baanu ayɛ akyiwadeɛ, kum na wɔnku wɔn; wɔn mogya gu wɔn atifi.


Mama no afiri adi, asafo AWURADE asɛm nie, na abɛhyɛne owifoɔ fie ne deɛ ɔde me din keka ntanhunu fie, na asoɛ ne fie mfimfini, na ahye ɛno ne emu nnua ne emu aboɔ.


Na mo mu biara nnnwene ne yɔnko ho bɔne n’akoma mu, na mommpɛ atorɔ ntanka, na yeinom nyinaa ne deɛ ɛyɛ me tan, AWURADE asɛm nie.


Na mɛbɛn mo mabɛbu atɛn, na mɛyɛ ɔdanseni a ne ho yɛ herɛ matia ntafowayifoɔ ne awaresɛefoɔ ne wɔn a wɔkeka ntanhunu ne wɔn a wɔdi apaafoɔ apaadeɛ, okunafoɔ ne awisiaa amim, na wɔsisi ɔhɔhoɔ na wɔnsuro me no, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Mo deɛ, mo agya a mofiri ne mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔdeɛ na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifoɔ firi mfitiaseɛ, na ɔnnyina nokorɛ so; ɛfiri sɛ nokorɛ nni ne mu. Sɛ ɔka atorosɛm a, ɛfiri ɔno ara ne mu na ɔka; ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔtorofoɔ ne atorɔ agya.


Yei nti Onyankopɔn gyaa wɔn maa aniwuo akɔnnɔ. Na wɔn mmaa de honam fam ayɔnkofa yɛbea a ɛyɛ ne kwan soɔ no sesaa deɛ ɛmfa ne kwan soɔ;


Sɛ wɔhunu obi a ɔwia ne nuanom Israelfoɔ mu nipa bie na ɔdi no nya anaasɛ ɔtɔn no a, ɛnneɛ owifoɔ no nwu; na yi bɔne no firi wo mu.


Sɛ wode yeinom kyerɛ anuanom a, wobɛyɛ Kristo Yesu somfo pa a wɔde gyidie ne nkyerɛkyerɛ pa a wodii akyire no nsɛm ayɛne no.


Sɛ obi kyerɛ nkyerɛkyerɛ foforɔ na wampene yɛn Awurade Yesu Kristo nsɛm a ɛyɛ no ne nkyerɛkyerɛ a ɛde kɔ onyamesom pa mu a,


Sɔ nsɛm pa a ɛyɛ a wotee no me nkyɛn no nhwɛsoɔ no mu yie, gyidie ne ɔdɔ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no mu.


Na ɛberɛ bi bɛba a wɔrentie nkyerɛkyerɛ pa a ɛyɛ no. Na ɛnam sɛ wɔn aso mu yɛ wɔn hene nti, wɔbɛsoa akyerɛkyerɛfoɔ aboa so, sɛdeɛ wɔn ara wɔn akɔnnɔ teɛ.


Adanseɛ yi yɛ nokorɛ. Ɛno nti yi wɔn atɛn ketee, na wɔn ho ayɛ wɔn den gyidie mu,


ɔsɔ nokwasɛm no mu sɛdeɛ wɔkyerɛɛ no no, na watumi de nkyerɛkyerɛ pa no atu fo, na wayi akyinnyegyefoɔ atɛn.


Wɔnni awadeɛ ni, ade nyinaa mu, na wɔnngu awadeɛ mpa ho fi; ɛfiri sɛ nnwamamfoɔ ne awaresɛefoɔ deɛ, Onyankopɔn bɛbu wɔn atɛn.


Na saa ara nso na Sodom ne Gomora ne nkuro a ɛdeda ho a wɔyɛɛ sɛ yeinom, de wɔn ho maa adwamammɔ na wɔbɔɔ mmusuo kɛseɛ no, wɔde wɔn asi hɔ sɛ asɛnnahɔ ama daa ogya asotwe.


pɛprɛ, mmorɔngo, nnu hwamhwam, kurobo, hwamfufuo, nsa, ngo, esiam muhumuhu, ayuo, nyɛmmoa, nnwan, apɔnkɔ, nteaseɛnam, nnipadua ne nnipa akra.


Na ade-hunu biara ne deɛ ɔyɛ akyiwadeɛ na ɔdi atorɔ renhyɛne mu koraa, gye wɔn a wɔatwerɛ wɔn din ahyɛ Adwammaa no nkwa nwoma no mu no nko.


Na ahufoɔ ne wɔn a wɔnnye nnie ne akyiwadeyɛfoɔ ne awudifoɔ ne nnwamammɔfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorofoɔ nyinaa bɛnya wɔn kyɛfa wɔ ɔtadeɛ a egya ne sɔfe dɛre mu no mu, ɛno ne owuprenu no.


Na kuro no akyiri na akraman ne adutofoɔ ne nnwamammɔfoɔ ne awudifoɔ ne abosonsomfoɔ ne wɔn a wɔpɛ atorɔ na wɔdie nyinaa wɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios