Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 9:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na Saulo agya Kis mfunumu yerae. Na Kis ka kyerɛɛ ne ba Saulo sɛ: Fa asomfoɔ no mu baako ka wo ho, na sɔre kɔhwehwɛ mfunumu no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na Saulo agya Kis mfunumu yerae. Na Kis ka kyerɛɛ ne ba Saulo sɛ: Fa asomfoɔ no mu baako ka wo ho, na sɔre kɔhwehwɛ mfunumu no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Da bi Kis mfurum yerae, na ɔka kyerɛɛ Saulo se, “Fa asomfo no mu baako, na wo ne no nkɔhwehwɛ mfurum no.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛda bi Kis mfunumu yeraeɛ, na ɔka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Fa asomfoɔ no mu baako, na wone no nkɔhwehwɛ mfunumu no.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na Saul n’agya Kis mfurum yerae. Na ɔka kyerɛɛ ne ba Saul sɛ: Fa mmerante no mu biako ka wo ho, na sɔre kɔhwehwɛ mfurum no.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 9:3
7 Referencias Cruzadas  

Na ɔwɔ mmammarima aduasa a na wɔtenatena mfunumu mma aduasa soɔ na wɔwɔ nkuro aduasa a wɔfrɛ no Yair nkuro de bɛsi nnɛ. Ɛwɔ Gilead asase so.


Mo a motete mfunumubereɛ afufuo soɔ, mo a motete nkuntu a ɛsom boɔ soɔ, mo a monenam akwan soɔ, monto dwom!


Na Saulo agya nua bisaa no ne somfoɔ no sɛ: Ɛhe na mokɔeɛ? Na ɔse: Yɛkɔhwehwɛɛ mfunumu no na yɛhunuu sɛ wɔnni hɔ no, yɛkɔɔ Samuel nkyɛn.


Wofiri me nkyɛn nnɛ rekorɔ yi, wobɛto mmarima baanu wɔ Selsa, Rahel da so, Benyamin hyeɛ so, na wɔbɛka akyerɛ wo sɛ: Mfunumu a wokɔhwehwɛɛ wɔn no, wɔahu wɔn, na hwɛ, w’agya agyae mfunumu no ho dwene, na mo so na ne dadwen abɛsie sɛ: Menyɛ dɛn me ba yi ho?


Na ɔwɔ ɔbabarima bi a ne din de Saulo, aberanteɛ a ne ho yɛ fɛ. Na Israelfoɔ mu biara nsene no ahoɔfɛ. Ɛfiri ne mmatiri so rekorɔ no, ɔware sene obiara, ɔman no mu.


Na wo mfunumu a wɔyeraa nnansa ne nnɛ no deɛ, mfa w’adwene nto so, na wɔahu wɔn. Na hwan na Israel aboɔdenneɛ nyinaa wɔ no? Ɛnyɛ wo ne w’agya fie nyinaa dea anaa?


Na wɔkɔfaa Efraim bepɔ so, na wɔfaa Salisa asase so, nanso wɔanhu wɔn; na wɔfaa Saalim asase so, nanso na wɔnni hɔ; na wɔfaa Benyamin asase so, nanso wɔanhu wɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios