Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 9:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Na Samuel buaa Saulo sɛ: Mene ɔdehunufoɔ no. Foro di m’anim kɔ sorɔnsorɔnbea hɔ, na mo ne me bɛdidi nnɛ, na adeɛ kye a, magya mo kwan; na mɛka wo deɛ ɛwɔ w’akomam nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 Na Samuel buaa Saulo sɛ: Mene ɔdehunufoɔ no. Foro di m’anim kɔ sorɔnsorɔnbea hɔ, na mo ne me bɛdidi nnɛ, na adeɛ kye a, magya mo kwan; na mɛka wo deɛ ɛwɔ w’akomam nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Samuel buae se, “Mene ɔdehufo no. Di mʼanim kan wɔ bepɔw no so, kɔ faako a wɔbɔ afɔre hɔ, na yɛn nyinaa bedidi wɔ hɔ. Anɔpa, mɛkyerɛ wo nea wopɛ sɛ wuhu, na magya wo kwan.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Samuel buaa sɛ, “Mene adehunumuni no. Di mʼanim ɛkan wɔ bepɔ no so, kɔ baabi a wɔbɔ afɔdeɛ hɔ, na yɛn nyinaa bɛdidi wɔ hɔ. Anɔpa, mɛkyerɛ wo deɛ wopɛ sɛ wohunu, na magya wo ɛkwan.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Na Samuel buaa Saul sɛ: Mene ɔdehufo no. Foro di m’anim kɔ afɔrebɔbea hɔ, na mo ne me bedidi nnɛ, na ade kye a, magya mo kwan; na mɛka wo nea ɛwɔ wo komam nyinaa.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 9:19
4 Referencias Cruzadas  

Mommra mmɛhwɛ onipa bi a waka deɛ mayɛ nyinaa akyerɛ me, sɛ ɛnyɛ oyi ne Kristo no anaa?


na n’akoma mu ahuntasɛm ada adi, na ɔde saa akoto, de n’anim abutu fam, asɔre Onyankopɔn, aka sɛ Onyankopɔn wɔ mo mu ampa.


Na Saulo twe pinii Samuel kuro pono no ano kaa sɛ: Mesrɛ wo, kyerɛ me deɛ ɔdehunufoɔ no fie wɔ.


Na wo mfunumu a wɔyeraa nnansa ne nnɛ no deɛ, mfa w’adwene nto so, na wɔahu wɔn. Na hwan na Israel aboɔdenneɛ nyinaa wɔ no? Ɛnyɛ wo ne w’agya fie nyinaa dea anaa?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios