Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 9:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na Benyaminni bi wɔ hɔ a ne din de Kis a ɔyɛ Benyamin aseni, Afia ba, Bekorat ba, Seror ba, Abiel ba, ɔbarima a ɔyɛ ɔdefoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na Benyaminni bi wɔ hɔ a ne din de Kis a ɔyɛ Benyamin aseni, Afia ba, Bekorat ba, Seror ba, Abiel ba, ɔbarima a ɔyɛ ɔdefoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔbarima ɔdefo bi a odi mu tenaa ase a na ne din de Kis na ofi Benyamin abusua mu. Na ɔyɛ Abiel babarima, na ne nena ne Seror a ofi Bekorat fi ne Afia abusua mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔbarima ɔdefoɔ bi a ɔdi mu tenaa ase a na ne din de Kis na ɔfiri Benyamin abusuakuo mu. Na ɔyɛ Abiel babarima, na ne nana ne Seror a ɔfiri Bekorat fie ne Afia abusua mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Nso ɔdefo bi wɔ hɔ a ne din de Kis. Ofi Benyamin abusua mu. N’agya din de Abiel, na nena ne Sero, wofi Bekorat fi wɔ Afia abusua mu.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 9:1
9 Referencias Cruzadas  

Nso na Barsilai abɔ akora sɛ, wadi mfirinhyia aduɔwɔtwe. Na ɔhene tenaa Mahanaim no, ɔno na ɔhwɛɛ no, na ɔyɛ ɔdefoɔ kɛseɛ.


Nso na Yudani bi wɔ Susa ahenkuro mu a na ne din de Mordekai, Benyaminni a ɔyɛ Yair ba, Simei ba, Kis ba


Na ɔwɔ nnwan mpem nson ne yoma mpensa ne anantwie mpamho ahanum ne mfunumu bereɛ ahanum ne asomfoɔ bebree pa; na ɔbarima yi yɛ titire wɔ apueeɛ mma no nyinaa mu.


Na ɛfiri ɔno soɔ no, wɔbisaa sɛ wɔmma wɔn ɔhene; na Onyankopɔn de Saulo, Kis ba a ɔfiri Benyamin abusuakuo mu maa wɔn mfirinhyia aduanan.


Na wɔtutuu mmirika kɔfaa no firii hɔ. Na ɔbɛgyinaa ɔman no mu no, na ɔware sene ɔman no nyinaa firi ne mmatiri so kɔ soro.


Na Saulo agya Kis ne Abner agya Ner yɛ Abiel mma.


Na ɔbarima bi wɔ Maon a n’adwuma wɔ Karmel, na ɔbarima no yɛ onipa kɛseɛ; ɔwɔ nnwan mpensa ne mmirekyie apem; na ɔretwitwa ne nnwan ho wɔ Karmel.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios