Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 7:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na wɔdanee nkuro a Filistifoɔ agye no Israel nsam no maa Israel, ɛfiri Ekron kɔsi Gat, na ɛho asase nso, Israel gyee Filistifoɔ nsam. Na asomdwoeɛ baa Israelfoɔ ne Amorifoɔ ntam.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Na wɔdanee nkuro a Filistifoɔ agye no Israel nsam no maa Israel, ɛfiri Ekron kɔsi Gat, na ɛho asase nso, Israel gyee Filistifoɔ nsam. Na asomdwoeɛ baa Israelfoɔ ne Amorifoɔ ntam.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Na Israel nkurow a ɛbɛn Ekron ne Gat no a na Filistifo no agyigye no. Wɔde asase a aka a Filistifo no agyigye no kaa ho. Ɛmaa asomdwoe baa Israel ne Amorifo ntam saa bere no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Na Israel nkuro a ɛbɛn Ekron ne Gat no a na Filistifoɔ no agyegye no. Wɔde asase a aka a Filistifoɔ no agyegyeɛ no kaa ho. Ɛmaa asomdwoeɛ baa Israel ne Amorifoɔ ntam saa ɛberɛ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Na wɔdan nkurow a Filistifo agye Israel nsam no maa Israel, efi Ekron kosi Gat, ne ɛho nsaase nso, Israel gyee Filistifo nsam. Na asomdwoe baa Israelfo ne Amorifo ntam.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 7:14
8 Referencias Cruzadas  

Na yei akyiri no, Dawid kunkumm Filistifoɔ, na ɔbrɛɛ wɔn ase, na ɔgyee Gat ne ɛho nkurowa Filistifoɔ nsam.


Wɔankunkum aman a AWURADE kaa wɔn ho asɛm no


Amalek te Negeb asase so, na Hetifoɔ ne Yebusifoɔ ne Amorifoɔ tete bepɔ so, na Kanaanfoɔ tete mpoano ne Yordan ho.


Na sɛe aman a AWURADE wo Nyankopɔn de wɔn bɛma woɔ no nyinaa; mma w’ani nnhu wɔn mmɔbɔ, na nsom wɔn anyame, ɛfiri sɛ ɛno bɛyɛ fidie ama wo.


na AWURADE wo Nyankopɔn yi wɔn ma wo ma woku wɔn a, ɛnneɛ sɛe wɔn pasapasa; wo ne wɔn mmpam, na nhu wɔn mmɔbɔ;


Na Amorifoɔ ahemfo baanum boaboaa wɔn ano bae, Yerusalem hene, Hebron hene, Yarmut hene, Lakis hene, Eglon hene, wɔne wɔn dɔm nyinaa, na wɔbɛkyeree Gibeon so nsraban sɛ wɔne wɔn rebɛko.


na ɛhyeɛ no pue kɔ Ekron nkyɛn mu atifi fam na ɛhima kɔ Sikron, na ɛtwam kɔ Baala bepɔ no so, na ɛpue kɔ Yabneel; na ɛhyeɛ no kɔpem ɛpo no ano.


Na Sisera de ne nan dwane kɔɔ Kenini Heber yere Yael ntomadan mu, ɛfiri sɛ na asomdwoeɛ wɔ Hasor hene Yabin ne Kenini Heber fie ntam.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios