Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 7:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na wɔbrɛɛ Filistifoɔ no ase, na wɔankɔ so amma Israel hyeɛ mu bio; na AWURADE nsa daa Filistifoɔ so Samuel nna nyinaa mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Na wɔbrɛɛ Filistifoɔ no ase, na wɔankɔ so amma Israel hyeɛ mu bio; na AWURADE nsa daa Filistifoɔ so Samuel nna nyinaa mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Enti wodii Filistifo no so, na wɔantumi ammegye Israelfo nsase amfa wɔ bere tenten bi mu. Na Samuel nkwa nna mu nyinaa, Awurade nsa a ɛyɛ den no tiaa Filistifo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Enti, wɔdii Filistifoɔ no so, na wɔantumi ammɛgye Israelfoɔ nsase amfa wɔ ɛberɛ tenten bi mu. Na Samuel nkwa nna mu nyinaa, Awurade nsa a ɛyɛ den no tiaa Filistifoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na wɔbrɛɛ Filistifo no ase, na wɔankɔ so amma Israelfo hye so bio; na AWURADE nsa daa Filistifo so, Samuel nna nyinaa.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 7:13
12 Referencias Cruzadas  

Na yei akyiri no, Dawid ko dii Filistifoɔ so, na ɔbrɛɛ wɔn ase, na Dawid gyee Metegamma firii Filistifoɔ nsam.


Na Israelfoɔ kɔɔ so yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Filistifoɔ nsa mfirinhyia aduanan.


Na hwɛ, worebɛnyinsɛn awo ɔbabarima a yiwan renka ne tire, na abɔfra no bɛyɛ Nyankopɔn hotuafoɔ afiri yafunum na ɔno na ɔbɛfiri aseɛ agye Israel afiri Filistifoɔ nsam.


Na wɔbrɛɛ Midian ase Israelfoɔ anim, na wɔamma wɔn tiri so bio. Na asase no so dwoo Gideon nna mu mfirinhyia aduanan.


Na AWURADE somaa Yerubaal, Bedan, Yefta ne Samuel, na ɔyii mo firi mo atamfoɔ nsam hyia maa motenaa ase dwoodwoo.


Na wɔsoa kɔeɛ no, AWURADE nsa baa kuro no so, ebumbɔ kɛseɛ pa ara, na ɔbobɔɔ kuro no mufoɔ nketewa ne akɛseɛ nyinaa na mpɔmpɔ sisii wɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios