Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 6:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Nso na Bet-semesfoɔ retwa wɔn ayuo bonhwa mu; na wɔmemaa wɔn ani so hunuu adaka no, na ne hunu no yɛɛ wɔn anigyeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Nso na Bet-semesfoɔ retwa wɔn ayuo bonhwa mu; na wɔmemaa wɔn ani so hunuu adaka no, na ne hunu no yɛɛ wɔn anigyeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Saa bere no, na Bet-Semesfo retwa wɔn atoko wɔ obon no mu. Enti wɔpagyaw wɔn ani huu Adaka no, wodii ahurusi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Saa ɛberɛ no, na Bet-Semesfoɔ retwa wɔn atokoɔ wɔ bɔnhwa no mu. Enti, wɔpagyaa wɔn ani hunuu Adaka no, wɔdii ahurisie.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Nso na Bet-semesfo retwa wɔn awi obon bi mu; na wɔmomaa wɔn ani so huu adaka no, na ne hu no yɛɛ wɔn anigye.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 6:13
3 Referencias Cruzadas  

Na ɛhyeɛ no konton firi Baala kɔ atɔeɛ, Seir bepɔ ho, na ɛsene kɔ Har-yearim, (ɛne Kesalon), nkyɛn mu wɔ atifi fam; na ɛsiane kɔ Bet-semes, na ɛsene kɔ Timna;


Na anantwie no faa kwan tee kɔɔ Bet-semes kwan so; wɔnam ɔtempɔn koro so, na wɔrekorɔ no na wɔresu, na wɔammane ankɔ nifa anaa benkum; na Filistifoɔ asafohene no dii wɔn akyi kɔduruu Bet-semes hyeɛ so.


Na teaseɛnam no duruu Bet-semesni Yosua afuo mu na ɛgyinaa hɔ; nso na ɔbo kɛseɛ bi wɔ hɔ; na wɔpaepaee teaseɛnam no nnua, na wɔde anantwie no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa AWURADE.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios