Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 5:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na Filistifoɔ no de Nyankopɔn adaka no kɔɔ Dagon fie, na wɔde kɔsii Dagon nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na Filistifoɔ no de Nyankopɔn adaka no kɔɔ Dagon fie, na wɔde kɔsii Dagon nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Wɔsoaa Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ Dagon abosonnan mu. Wɔde kosii ohoni Dagon nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Wɔsoaa Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ Dagon abosonnan mu. Wɔde kɔsii ohoni Dagon nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na Filistifo no de Onyankopɔn adaka no kɔɔ Dagon fi, na wɔde kosii Dagon nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 5:2
7 Referencias Cruzadas  

Na wɔde n’akodeɛ no kɔsiee wɔn anyame fie, na ne tikwankoraa deɛ, wɔde kɔfam Dagon fie.


Na ɛbaa sɛ adeɛ kyeeɛ no, Filistifoɔ baa atɔfoɔ no ho nnoɔma yiyie, na wɔhunuu Saulo ne ne mma baasa no sɛ wɔatotɔ Gilboa bepɔ soɔ.


Nsa no baa n’ani soɔ no, Belsasar kaa sɛ wɔmfa sika nnwinneɛ a n’agya Nebukadnessar akɔfa afiri asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no mu no mmra, na ɔhene ne n’aberempɔn, ne ne yerenom ne ne mpenafoɔ nnom mu.


na woama wo ho so atia ɔsoro wura, na wɔde ne fie nnwinneɛ aba w’anim, na wo ne w’aberempɔn, wo yerenom ne wo mpenafoɔ anom mu nsa, na woakamfo dwetɛ ne sika, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, dua ne aboɔ anyame a wɔnhunu na wɔnteɛ na wɔnnim hwee no, na Onyankopɔn a wo home wɔ ne nsam a w’akwan nyinaa wɔ no deɛ, woanni no ni.


Ɛno na wɔtwam sɛ mframa, na wɔsene korɔ, na wɔkɔdi so; wɔn ahoɔden yi ara ne wɔn nyame.


Ne saa nti, abɔnefoɔ bɔ n’asau no afɔdeɛ na ɔhye aduhwam ma wɔn twiɛ no, ɛfiri sɛ ɛno na ɛma ne kyɛfa dɔre sradeɛ, na n’aduane yɛ sɔɔsɔɔ.


Na Filistifoɔ asafohene no hyiaa sɛ wɔrebɛbɔ afɔdeɛ kɛseɛ ama wɔn nyame Dagon na wɔagye wɔn ani; na wɔkaa sɛ: Yɛn nyame de yɛn tamfo Samson ahyɛ yɛn nsa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios