Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 4:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Na ɔtoo abɔfra no din Ikabod, na ɔkaa sɛ: Fa a wɔafa Nyankopɔn adaka no ne n’ase ne ne kunu nti, animuonyam afiri Israel kɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Na ɔtoo abɔfra no din Ikabod, na ɔkaa sɛ: Fa a wɔafa Nyankopɔn adaka no ne n’ase ne ne kunu nti, animuonyam afiri Israel kɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Ɔbesebesee nʼano too abarimaa no din Ikabod, “Anuonyam no wɔ he, Israel anuonyam no asa,” efisɛ wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no na nʼase ne ne kunu nso awuwu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Ɔbesebesee nʼano too abarimaa no edin Ikabod, “Animuonyam no wɔ he, Israel animuonyam no asa,” ɛfiri sɛ, wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no na nʼase ne ne kunu nso awuwu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Na ɔtoo abofra no din Ikabod, ase ne: Anuonyam wɔ he? Ɛna ose: Ɔfa a wɔafa Onyankopɔn adaka no, ne n’ase ne ne kunu wu no nti, anuonyam no afi Israel kɔ.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 4:21
12 Referencias Cruzadas  

Na wɔsakyeraa wɔn animuonyam yɛɛ no nantwie a ɔwe wira nsɛso.


AWURADE, medɔ wo fie tenabea ne faako a w’animuonyam teɛ.


Ɔde n’ahoɔden hyɛɛ nnommumfa mu, na ɔde n’animuonyam hyɛɛ ɔtamfoɔ nsa.


Wɔn asɔfoɔ totɔɔ nkrantɛ ano, na wɔn akunafoɔ annya asuyɛ.


Ɔman bi asakyera n’anyame, anyame a wɔnyɛ anyame? Nanso me man de n’animuonyam asesa deɛ ɛho nni mfasoɔ.


Ao, sɛdeɛ AWURADE asi de mununkum akata Sion babaa ho, n’abufuo mu! Wafiri soro ato Israel ahoɔfɛ ahwe fam, na wankae ne nan ntiasoɔ n’abufuo da no.


Na sɛ wɔyɛne wɔn mma mpo a, mɛma wɔadi awommawuo na obi anka; na sɛ metwe me ho mefiri wɔn ho a, wɔnnue ara!


Na Ahiya a ɔyɛ AWURADE sɔfoɔ Eli a ɔtenaa Silo no ba Pinehas ba Ikabod nua Ahitub ba hyɛ asɔfotadeɛ no. Na ɔman no nnim sɛ Yonatan kɔ.


Na yei nyɛ wo deɛ ɛbɛba wo mma baanu, Hofni ne Pinehas, soɔ no ho nsɛnkyerɛnneɛ: Da koro na wɔn baanu no bɛwuwuo.


Da no, na mɛma adeɛ a maka atia Eli fie nyinaa aba mu firi mfitiaseɛ de kɔsi awieeɛ.


Na Nyankopɔn adaka no, wɔfaeɛ, na Eli mma baanu no, Hofni ne Pinehas nso totɔeɛ.


Enti na ɔse: Animuonyam no afiri Israel so, ɛfiri sɛ wɔafa Nyankopɔn adaka no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios