Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 4:20 - New Revised Asante Twi Bible

20 Na ɔrewu no, mmaa a wɔgyinagyina ne nkyɛn no ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na ɔbarima na woawoɔ yi. Nanso wammua, na wammu asɛm no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

20 Na ɔrewu no, mmaa a wɔgyinagyina ne nkyɛn no ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na ɔbarima na woawoɔ yi. Nanso wammua, na wammu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

20 Owuu wɔ awoko mu, nanso ansa na ɔrebewu no, mmea a wɔregye no awo no kae se, “Mpa abaw; woawo abarimaa.” Nanso wammua wɔn na wankasa wɔn ho nso.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

20 Ɔwuu wɔ awokoɔ mu, nanso ansa na ɔrebɛwu no, mmaa a wɔregye no awoɔ no kaa sɛ, “Nsuro woawo abarimaa.” Nanso, wammua wɔn na wankasa wɔn ho nso.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

20 Na ɔregyaa mu no, mmea a wogyinagyina ne nkyɛn no ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na ɔbarima na woawo yi. Nanso wammua, na wammu.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 4:20
5 Referencias Cruzadas  

Na wɔtutu firi Betel kɔe. Na aka kwan tiaa bi na wɔaduru Efrat no, awoɔ kaa Rahel, na awoɔ no denee no.


M’ahohia da mu na mehwehwɛɛ AWURADE, me nsam atene anadwo nyinaa, na ɛmpa aba, me kra po awerɛkyekyerɛ.


Ɔbaa, sɛ ɔrewo a, ɔte yea, ɛfiri sɛ ne dɔn adu; na sɛ ɔnya wo ɔba no a, ɔnkae ahohia no bio, anigyeɛ a wanya sɛ wɔawo ɔba aba wiase no nti.


Na n’ase, Pinehas yere, anyinsɛn a n’awoɔ reyɛ adu. Na ɔtee nsɛm no sɛ wɔafa Nyankopɔn adaka, na n’ase ne ne kunu awuwuo no, ɔkoto woe, na n’awoko yea kutaa no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios