Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 30:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na Dawid ne ne mmarima no duruu Siklag da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na Amalekfoɔ abɛtua anafoɔ fam ne Siklag, na wɔabɔ Siklag, na wɔde ogya ahye.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na Dawid ne ne mmarima no duruu Siklag da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na Amalekfoɔ abɛtua anafoɔ fam ne Siklag, na wɔabɔ Siklag, na wɔde ogya ahye.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Nnansa so, Dawid ne ne mmarima koduu Siklag. Na Amalekfo abɛtow ahyɛ Negeb so ahyew Siklag pasaa,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Nnansa so, Dawid ne ne mmarima kɔduruu Siklag. Na Amalekfoɔ abɛto ahyɛ Negeb so ahye Siklag pasaa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na Dawid ne ne mmarima no duu Siklag da a ɛto so abiɛsa no, na Amalekfo abetua atifi fam ne Siklag, na wɔabɔ Siklag, na wɔde gya ahyew.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 30:1
18 Referencias Cruzadas  

Na Isak firi Lahai-roi abura ho bae, ɛfiri sɛ na ɔte Negeb asase no so.


Na Saulo wuo akyi a Dawid asane afiri Amalekfoɔ kum aba no, Dawid dii Siklag nnanu.


Na ne nnansa soɔ no, hwɛ, ɔbarima bi firi nsra no mu wɔ Saulo nkyɛn bae, na n’atadeɛ asunsuane, na dɔteɛ gu n’atifi. Na ɔduruu Dawid nkyɛn no, ɔbɔɔ ne mu ase maa no.


Na ɔbisaa me sɛ: Wo ne hwan? Na mebuaa no sɛ: Meyɛ Amalekni.


Na ne nkoa nyinaa sene faa ne nkyɛn; na Keretifoɔ nyinaa, Peletifoɔ nyinaa ne Gatfoɔ nyinaa, mmarima ahansia a wɔdii n’akyi firi Gat baeɛ no bɛtwaa mu ɔhene anim.


Na wɔn na wɔboaa Dawid ne afomfafoɔ asafo no dii asie. Na wɔn nyinaa yɛ nnɔmmarima akatakyie, na wɔyeyɛɛ ɛdɔm no mu asafohene.


Na daa nyinaa na wɔde Dawid nkyɛn ba ara, sɛ wɔrebɛboa no, kɔsii sɛ wɔyɛɛ ɛdɔm kɛseɛ sɛ Nyankopɔn dɔm.


wɔfaa mmarima no nyinaa kɔɔ sɛ wɔne Netania ba Ismael rekɔko; na wɔkɔtoo no asukɛseɛ a ɛwɔ Gibeon no ho.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro wɔn na ɔkyena sɛsɛɛ berɛ yi mu, me na mɛma woaku wɔn nyinaa Israel anim. Wɔn apɔnkɔ no, twitwa wɔn nantin, na wɔn nteaseɛnam no, fa ogya hye.


ne Siklag ne Madmana ne Sansana,


Na Saulo kunkumm Amalek firii Hawila de kɔsii baabi a w’ani kyerɛ Sur a ɛda Misraim apueeɛ fam no.


Na ɔkyeree Amalekhene Agag animono, na ɔman no nyinaa deɛ, ɔde nkrantɛ ano sɛee wɔn pasapasa.


Ɛnna Akis de Siklag maa no da no ara; enti Siklag danee Yuda ahemfo deɛ de bɛsi nnɛ yi.


Enti monsɔre anɔpahema, wo ne wo wura nkoa a wɔne wo baeɛ no, na mosɔre nhema na anim tete ara pɛ a, moasim akɔ.


Ɛnna Dawid ne ne mmarima no tuaa nhema sii mu sɛ wɔresane akɔ Filistifoɔ asase so. Na Filistifoɔ no baa Yesreel.


Na Filistifoɔ asafohene no bo fuu no, na Filistifoɔ asafohene no ka kyerɛɛ no sɛ: Ma ɔbarima yi nsane, na ɔnsane nkɔ ne tenabea a wode no tenaeɛ hɔ, na mma ɔne yɛn nnkɔ ɔsa no, na wannane n’ani ankyerɛ yɛn ɔko no mu; na ɛdeɛn na oyi de bɛpata ne wura? Ɛnyɛ nnipa yi ti?


Yɛkɔtuaa Keretifoɔ anafoɔ fam ne deɛ ɛyɛ Yuda dea no ne Kaleb anafoɔ fam, na yɛde ogya hyee Siklag.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios