Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 3:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Ɛnna Samuel kaa nsɛm no nyinaa kyerɛɛ no, na wansi no bi so. Na ɔse: Ɛyɛ AWURADE, deɛ ɛyɛ n’ani soɔ no, ɔnyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 Ɛnna Samuel kaa nsɛm no nyinaa kyerɛɛ no, na wansi no bi so. Na ɔse: Ɛyɛ AWURADE, deɛ ɛyɛ n’ani soɔ no, ɔnyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Enti Samuel kaa biribiara kyerɛɛ Eli a wamfa hwee anhintaw no. Eli ka sɔw so se, “Ɔne Awurade; ma ɔnyɛ nea eye wɔ nʼani so.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Enti, Samuel kaa biribiara kyerɛɛ Eli a wamfa hwee ansie no. Eli ka sɔɔ so sɛ, “Ɛyɛ Awurade pɛ. Ɔnyɛ deɛ ɔsusu sɛ ɛyɛ na ɛfata biara.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Ɛnna Samuel kaa nsɛm no nyinaa kyerɛɛ no, na wansiw no bi so. Na Eli se: Ɛyɛ AWURADE, nea eye n’ani so no, ɔnyɛ.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 3:18
18 Referencias Cruzadas  

Yei mpare wo sɛ wobɛdi saa asɛm yi sɛ wobɛkum ɔteneneeni ne ɔdebɔneyɛni afra, na ɔteneneeni ayɛ sɛ ɔdebɔneyɛni; yei mpare wo. Deɛ ɔbu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntenenee anaa?


Hyɛ wo ho den na ma yɛnko sɛ mmarima mma yɛn man ne yɛn Nyankopɔn nkuro. Na AWURADE nyɛ deɛ ɛyɛ wɔ n’ani soɔ.


Na sɛ ɔka sɛ: Mempɛ wo a, hwɛ, menie, ma no nyɛ me sɛdeɛ ɛyɛ wɔ n’ani soɔ.


Ɛnna Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: AWURADE asɛm a woaka no, ɛyɛ. Na ɔkaa sɛ: Ɛnyɛ sɛ asomdwoeɛ ne nokorɛ na ɛbɛwɔ hɔ me nna mu?


Hyɛ wo ho den, na ma yɛn ho nyɛ den mma yɛn man ne yɛn Nyankopɔn nkuro, na AWURADE deɛ, deɛ ɔpɛ na ɔnyɛ.


na ɔkaa sɛ: Adagya na mede mefiri me na yam baeɛ, na adagya na mede bɛsane akɔ. AWURADE de mae, na AWURADE afa, nhyira nka AWURADE din.


Na ɔbuaa no sɛ: Sɛdeɛ mmaa agyegyentwie no mu bi kasa na wokasa yi. Yɛagye Nyankopɔn hɔ adepa, na adebɔne na yɛrennye anaa? Yei nyinaa mu no Hiob amfa n’ano anyɛ bɔne.


Matɔre mum, memmue m’ano, ɛfiri sɛ wo na woayɛ.


Na AWURADE nam mununkum mu sianee, na ɔne no bɛgyinaa hɔ, na ɔpaee n’ankasa ne din YHWH (AWURADE) din.


Ɛnna Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: AWURADE asɛm a woaka no, ɛyɛ. Ɛfiri sɛ ɔtee aseɛ sɛ, asomdwoeɛ ne ɔmannwoeɛ bɛba me berɛ so.


Ɛnna Odiyifoɔ Yeremia kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ Yudahene Sedekia wɔ Yerusalem.


Na Ɔhene Sedekia soma maa wɔkɔfaa Odiyifoɔ Yeremia baa ne nkyɛn, AWURADE fie aboboɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa no ano, na ɔhene ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Merebɛbisa wo asɛm bi; nsi me biribiara so.


Na Odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mate. Hwɛ, merebɛbɔ AWURADE mo Nyankopɔn mpaeɛ sɛdeɛ mokaeɛ no, na asɛm biara a AWURADE bɛbua mo no, mɛka makyerɛ mo. Meremfa asɛm biara mensie mo.


Adɛn nti na onipa a ɔte aseɛ di amaneɛ ho abooboo, ɔbarima a ɔte ne bɔne mu?


Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Ɛno ne deɛ AWURADE kaa sɛ: Wɔn a wɔtwe pini me no mu na mɛyɛ me ho kronkron, na ɔman no nyinaa anim na mɛhyɛ me ho animuonyam.


Enti mommrɛ mo ho ase Nyankopɔn tumi nsa no ase, na wama mo so, berɛ a ɛsɛ mu.


Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Yɛayɛ bɔne; wo deɛ, yɛ yɛn sɛdeɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ nyinaa, gyeɛ nko na gye yɛn nnɛ da yi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios