Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 28:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, wo ara wonim deɛ Saulo ayɛ, sɛdeɛ watwitwa asamanfrɛfoɔ ne adunsinfoɔ afiri asase yi soɔ, na adɛn nti na woresum me kra fidie ama wɔaku me yi?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Na ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, wo ara wonim deɛ Saulo ayɛ, sɛdeɛ watwitwa asamanfrɛfoɔ ne adunsinfoɔ afiri asase yi soɔ, na adɛn nti na woresum me kra fidie ama wɔaku me yi?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Ɔbea no bisae se, “Wopɛ sɛ wokum me ana? Wunim sɛ Saulo apam asamanfrɛfo ne ahohomfrɛfo nyinaa afi asase yi so. Adɛn nti na wusum me afiri?”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɔbaa no bisaa sɛ, “Wopɛ sɛ wɔkum me anaa? Wonim sɛ Saulo apamo asamanfrɛfoɔ ne ahohomfrɛfoɔ nyinaa afiri asase yi so. Adɛn enti na wosum me afidie?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na ɔbea no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, wo ara wunim nea Saul ayɛ, sɛnea watwitwa asamanfrɛfo ne asumanfo afi asase yi so, na ɛdɛn nti na woresum me kra afiri ama wɔakum me yi?

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 28:9
5 Referencias Cruzadas  

Anaasɛ, sɛ anka metwa ne kra ho nkontompo a, (nso asɛm biara nhunta ɔhene), wo deɛ, anka wobɛpa m’akyi agyina akyiri.


Na ɛbaa sɛ, Israel hene kenkan nwoma no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu kaa sɛ: Onyankopɔn ne me na makum na mama nkwa, sɛ oyi resoma ama wɔaba me nkyɛn sɛ mensa obi kwata yi? Ampa, monhwɛ nhunu sɛ, asɛm na ɔrepɛ me.


Monnnane mo ho nnkɔ ɔdebisafoɔ nkyɛn, na monnhwehwɛ adunsinfoɔ akyiri kwan mmfa nngu mo ho fi wɔ wɔn ho: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Na Saulo kaa no AWURADE ntam sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, worenni asɛm yi mu so biara.


Saa berɛ yi na Samuel awu ama Israel nyinaa asu no asie no Rama, ɔno ara ne kuro mu. Na Saulo atu asamanfrɛfoɔ ne asumanfoɔ nyinaa afiri asase no so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios