Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 27:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na Akis gyee Dawid diiɛ kaa sɛ: Wama ne ho abɔn ne man Israel pa ara, enti ɔbɛyɛ m’akoa daa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Na Akis gyee Dawid diiɛ kaa sɛ: Wama ne ho abɔn ne man Israel pa ara, enti ɔbɛyɛ m’akoa daa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Akis gyee Dawid dii, na ɔkaa wɔ ne tirim se, “Saa bere yi de, Israelfo bekyi no kɔkɔɔkɔ, na ɛbɛma no atena ha, na wasom me afebɔɔ.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Akis gyee Dawid diiɛ, na ɔdwenee ne tirim sɛ, “Saa ɛberɛ yi deɛ, Israelfoɔ bɛkyiri no kɔkɔɔkɔ. Ɛsɛ sɛ ɔtena ha, na ɔsom me afebɔɔ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na Akis gyee Dawid dii, kae sɛ: Wama ne ho abɔn ne man Israel pa ara, enti ɔbɛyɛ m’akoa daa.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 27:12
6 Referencias Cruzadas  

Na Yakob ka kyerɛɛ Simeon ne Lewi sɛ: Moaha me ama me ho abɔn wɔn a wɔte asase yi soɔ, Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ. Na me deɛ, meyɛ asafo a mesua yi, wɔbɛboaboa wɔn ano aba me so abɛku me, na wɔasɛe me ne me fie.


Na Amonfoɔ no hunuu sɛ Dawid bo afu wɔn no, Amonfoɔ no soma maa wɔkɔbobɔɔ Bet-rehob Siriafoɔ ne Soba Siriafoɔ paa, anammɔnmufoɔ mpem aduonu ne Maakahene nnipa apem ne Tob mmarima mpem dummienu.


na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE nhwɛ mo mmu atɛn, sɛ moama yɛn ho abɔn wɔ Farao ne ne nkoa anim, na mode nkrantɛ ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔmfa nku yɛn.


Na Israel nyinaa tee sɛ Saulo aka Filistifoɔ bansifoɔ no agu, ɛne sɛdeɛ Israel ama wɔn ho ayɛ Filistifoɔ ahi. Na wɔhyiahyiaa ɔman no boaa ano, Saulo nkyɛn wɔ Gilgal.


Na Dawid annya ɔbarima anaa ɔbaa bi anikan sɛ ɔde wɔn bɛba Gat, ɛfiri sɛ ɔse: Anyɛ a, wɔbɛka yɛn ho asɛm sɛ: Sɛɛ na Dawid ayɛ. Na nna a ɔde tenaa Filistifoɔ asase soɔ no nyinaa sɛ ɔyɛeɛ ara ne no.


Na saa berɛ no Filistifoɔ boaboaa wɔn dɔm ano sɛ wɔretu sa ne Israel akɔko. Na Akis ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Hunu pefee sɛ wo ne wo mmammarima no ne me na ɛbɛkɔ ɔsa yi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios