Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 27:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na Dawid see no n’akoma mu sɛ: Anhwɛ a, da bi, Saulo nsa na ɛbɛku me; biribiara nyɛ mma me sɛ mɛdwane akɔ Filistifoɔ asase soɔ, na Saulo agyaa me na wanhwehwɛ me bio Israel asase nyinaa so, na mafiri ne nsa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na Dawid see no n’akoma mu sɛ: Anhwɛ a, da bi, Saulo nsa na ɛbɛku me; biribiara nyɛ mma me sɛ mɛdwane akɔ Filistifoɔ asase soɔ, na Saulo agyaa me na wanhwehwɛ me bio Israel asase nyinaa so, na mafiri ne nsa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Na Dawid dwen ho se, “Da bi, mɛtɔ wɔ Saulo nsa ano. Na nea mɛyɛ a eye pa ara ne sɛ, meguan akɔ Filistifo nkyɛn. Ɛba saa a, Saulo begyae mʼakyidi na menya bammɔ.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Na Dawid dwenee ho sɛ, “Ɛda bi, mɛtɔ wɔ Saulo nsa ano. Na deɛ mɛyɛ a ɛbɛyɛ pa ara ne sɛ, mɛdwane akɔ Filistifoɔ nkyɛn. Ɛba saa a, Saulo bɛgyae mʼakyi die na mɛnya banbɔ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na Dawid kae ne koma mu sɛ: Anhwɛ a, da bi Saul nsa na ebekum me; biribiara nye mma me sɛ meguan makɔ Filistifo asase so, na Saul agyaa me na wanhwehwɛ me bio Israel asase nyinaa so, na mafi ne nsa.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 27:1
29 Referencias Cruzadas  

Na Yeroboam see n’akoma mu sɛ: Afei na ahennie no bɛsane akɔ Dawid fie,


Na ɔhene no tuu agyina, na ɔyɛɛ sika nantwie mma mmienu, na ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Moaforo akɔ Yerusalem bi ara! Israel, hwɛ wo anyame a ɔde wo firi Misraim baeɛ nie.


Na ɔhunuu saa no, ne nkwa nti ɔsuroe na ɔsɔre kɔe, na ɔkɔduruu Beer-seba a ɛyɛ Yuda deɛ no, na ɔgyaa n’abɔfra no wɔ hɔ.


Ɛnna Yudahene Amasia tuu agyina, na ɔsomaa Israelhene Yoas a ɔyɛ Yehoahas ba Yehu baa ne nkyɛn sɛ: Bra ma yɛnsɔ yɛn ho nhwɛ.


Mekaa m’akomatuo mu sɛ: Nnipa nyinaa yɛ atorofoɔ.


Aane, anka mɛdwane makɔ akyirikyiri, na makɔtena serɛ so.


Ɛnyɛ asɛm a yɛkaa wo wɔ Misraim sɛ: Gyae ma yɛnsom Misraim, no nie? Ɛfiri sɛ ɛyɛ ma yɛn mmom sɛ anka yɛsom Misraim sene sɛ yɛbɛwuwu ɛserɛ so.


Anidasoɔ a ɛkyɛre muba ma akoma yare, na anigyinadeɛ a ɛba mu yɛ nkwa dua.


Me ara mene mo werɛkyekyefoɔ; hwan ne wo na wosuro ɔdasani a ɔwuo ne onipa ba a wɔyɛɛ no sɛ wira?


Na adɛn nti na AWURADE de yɛn reba asase yi so sɛ yɛmmɛtotɔ nkrantɛ ano, na wɔmfa yɛn yerenom ne yɛn mma nnommum? Ɛnyɛ yɛ na ɛyɛ ma yɛn sɛ yɛbɛsane akɔ Misraim bio?


Na ntɛm ara Yesu tenee ne nsa sɔɔ no mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo a wo gyidie sua! Adɛn nti na wogyee akyinnyeɛ?


Na ɔsee wɔn sɛ: Adɛn nti na moyɛ ahufoɔ sɛɛ? Adɛn na monni gyidie?


Na yɛbaa Makedonia no nso, yɛn honam annya ahome biara, na mmom yɛn ho hiahiaa yɛn afa nyinaa: Ɔko atwa yɛn ho ahyia, na ehu ahyɛ yɛn mu ma;


Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Wobɛgyam Saulo akɔsi da bɛn? Na me deɛ, mapo no sɛ ɔnnni Israel so hene. Fa ngo hyɛ w’abɛn ma, na bra ma mensoma wo Betlehemni Yisai nkyɛn, ɛfiri sɛ ne mma mu na mayi ɔhene mafa.


Ɛnna Samuel faa ngo abɛn no, na ɔsraa no ne nuanom mu. Na AWURADE honhom sii Dawid so, ɛfiri da no ara de rekorɔ no. Ɛnna Samuel sɔre baa Rama.


Na Dawid kaa ntam nso sɛ: W’agya nim sɛ manya w’anim adom, enti na ɔse: Wɔmmma Yonatan nnhunu yei, na anyɛ no ya; na ampa ara, sɛ AWURADE te aseɛ, na wo kra nso te aseɛ yi, nammɔn pɛ na ɛda me ne owuo ntam.


Na Odiyifoɔ Gad ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Ntena bepɔ so atenaeɛ hɔ, na sim kɔ Yuda asase so. Na Dawid sii mu baa Heret kwaeɛ mu.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na m’agya Saulo nsa renka wo, na wo na wobɛdi Israel so hene, na mayɛ w’abadiakyire; na m’agya Saulo nso nim yei.


Na sɛ AWURADE nya yɛ me wura papa a waka wɔ wo ho no nyinaa na ɔde wo si Israel so hene a,


Enti afei ma me wura ɔhene ntie n’akoa nsɛm. Sɛ AWURADE na wahwanyan wo atia me a, ɛnneɛ ma no nnye afɔdeɛ. Na sɛ ɛyɛ nnipa mma deɛ a, wɔadome wɔn, AWURADE anim, sɛ wɔapamo me nnɛ sɛ merennya kyɛfa wɔ AWURADE agyapadeɛ no ho, na wɔse: Kɔ na kɔsom anyame foforɔ.


Na Filistifoɔ asafohene bɛtwaa mu, ɔha ɔha ne apem apem so, na Dawid ne ne mmarima no ka Akis ho bɛtwaa mu wɔ kyidɔm no mu.


Ɛnna Filistifoɔ asafohene no kaa sɛ: Na Hebrifoɔ yi ɛ? Na Akis ka kyerɛɛ Filistifoɔ asafohene no sɛ: Ɛnyɛ Dawid, Israelhene Saulo akoa a ɔne me atena nna sɛɛ anaa mfeɛ sɛɛ yi a menhunuu ne ho bɔne biara firi da a ɔwaeeɛ de bɛsi nnɛ no nie?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios