Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 26:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Asɛm a woadie yi nyɛ. Sɛ AWURADE te aseɛ yi, mosɛ wuo, sɛ moanwɛn mo wura a AWURADE asra no no. Na afei, hwɛ deɛ ɔhene pea ne nsuo kuruwa a ɛsisi n’atifi no wɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Asɛm a woadie yi nyɛ. Sɛ AWURADE te aseɛ yi, mosɛ wuo, sɛ moanwɛn mo wura a AWURADE asra no no. Na afei, hwɛ deɛ ɔhene pea ne nsuo kuruwa a ɛsisi n’atifi no wɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Saa asɛm yi nye koraa! Meka ntam wɔ Awurade din mu sɛ, wo ne wo mmarima no nyinaa sɛ owu, efisɛ moantumi ammɔ mo wura, nea Awurade asra no no ho ban. Monhwɛ mo ho nhyia. Ɔhene no peaw ne ne sukuruwa a na esi ne ti ho no wɔ he?”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Saa asɛm yi nyɛ koraa! Meka ntam wɔ Awurade din mu sɛ, wo ne wo mmarima no nyinaa sɛ owuo, ɛfiri sɛ, moantumi ammɔ mo wura, deɛ Awurade asra noɔ no ho ban. Monhwɛ mo ho nhyia. Ɔhene no pea ne ne sukuruwa a na ɛsi ne tiri ho no wɔ he?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Asɛm a woadi yi nye. Sɛ AWURADE te ase yi, mosɛ owu, sɛ moanwɛn mo wura a AWURADE asra no no. Na afei, hwɛ nea ɔhene peaw ne nsu kuruwa a esisi n’atifi no wɔ.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 26:16
11 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Dawid bo fuu pii tiaa ɔbarima no, na ɔka kyerɛɛ Natan sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, ɔbarima a ɔyɛɛ yei no sɛ wuo.


Na m’agya fie nyinaa nsɛ hwee sɛ owuo mma ma me wura ɔhene, nanso wode wo somfoɔ sii wɔn a wɔdidi wo pono soɔ mu, enti kwan bɛn na mewɔ bio, nso ɛdeɛn na mede bɛsu afrɛ ɔhene bio?


Na Ɔsɔfoɔ Abiatar nso, ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ Anatot, wo ara w’asase so, na woyɛ owuo ba. Na ɛnnɛ yi deɛ, merenku wo, ɛfiri sɛ woasoa AWURADE Nyankopɔn adaka no m’agya Dawid anim, na wohunuu amane nso wɔ deɛ m’agya hunuu mu amaneɛ nyinaa mu.


sɛ ɔbɛtie apokyerɛfoɔ apinisie, na wasane owuo mma,


Ma ɔpokyerɛni apinisie nnuru w’anim, sɛ wo nsa kɛseyɛ teɛ no, kora owuo mma.


Wɔn mu na anka akane no, yɛn nyinaa nso nam bɔɔ yɛn bra yɛn honam akɔnnɔ mu, na yɛyɛɛ deɛ honam ne adwene pɛ, na sɛdeɛ yɛn awosuo teɛ no yɛyɛ nnipa a Onyankopɔn abufuo wɔ yɛn so, te sɛ wɔn a aka no nso.


Na mmerɛ dodoɔ a Yisai ba no te ase asase soɔ yi, wo ne w’ahennie rennyina. Enti soma ma wɔnkɔfa no mmrɛ me, na wuo ara na ɔbɛwuo.


Na ɔka kyerɛɛ ne nnipa no sɛ: AWURADE mma no mpare me sɛ mɛyɛ me wura a AWURADE asra no no adeɛ a ɛte sɛɛ, sɛ mɛtene me nsa maka no, ɛfiri sɛ deɛ AWURADE asra no ne no.


AWURADE mma no mpare me sɛ mɛtene me nsa maka deɛ AWURADE asra no no. Na afei fa pea a ɛwɔ n’atifi no ne nsuo kuruwa no na yɛnkɔ.


Na Dawid ka kyerɛɛ Abner sɛ: Wonyɛ ɔbarima anaa? Na hwan na ɔte sɛ woɔ wɔ Israel mu? Na adɛn nti na woanwɛn wo wura ɔhene? Na ɛdɔm no mu bi baa sɛ anka ɔrebɛkum wo wura ɔhene.


Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai sɛ: Nku no, na hwan na ɔtene ne nsa ka deɛ AWURADE asra no na ɔdi bem?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios