Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 25:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔbarima bi wɔ Maon a n’adwuma wɔ Karmel, na ɔbarima no yɛ onipa kɛseɛ; ɔwɔ nnwan mpensa ne mmirekyie apem; na ɔretwitwa ne nnwan ho wɔ Karmel.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔbarima bi wɔ Maon a n’adwuma wɔ Karmel, na ɔbarima no yɛ onipa kɛseɛ; ɔwɔ nnwan mpensa ne mmirekyie apem; na ɔretwitwa ne nnwan ho wɔ Karmel.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Na ɔbarima bi fi Maon a na ɔwɔ agyapade wɔ baabi a ɛbɛn Karmel yɛ ɔdefo kɛse. Na ɔwɔ mmirekyi apem ne nguan mpensa a na otwitwa wɔn nwi wɔ Karmel.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Na ɔbarima ɔdefoɔ bi a ɔfiri Maon a na ɔwɔ agyapadeɛ wɔ baabi a ɛbɛn akuraa Karmel. Na ɔwɔ mmirekyie apem ne nnwan mpensa. Na ɛyɛ mmoa ho nwi twitwa berɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔbarima bi wɔ Maon a n’adwuma wɔ Karmel, na ɔbarima no yɛ onipa kɛse. Ɔwɔ nguan mpensa ne mmirekyi apem; na ɔretwitwa ne nguan ho wɔ Karmel.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 25:2
17 Referencias Cruzadas  

Na Abram anya ne ho sɛ, mmoa, dwetɛ ne sika mu.


Na Isak nyaa ne ho, na ɔkɔɔ so ara nyaa ne ho kɔsii sɛ ɔyɛɛ kɛseɛ pa ara.


Na Laban kɔ rekɔtwitwa ne nnwan ho nwi. Na Rahel wiaa n’agya abusua honi.


mmirekyibereɛ ahanu, mpapo aduonu, nnwammereɛ ahanu, adwennini aduonu,


Na wɔkɔka kyerɛɛ Tamar sɛ: Hwɛ, w’ase rekɔ Timnat akɔtwitwa ne nnwan ho.


Nso na Barsilai abɔ akora sɛ, wadi mfirinhyia aduɔwɔtwe. Na ɔhene tenaa Mahanaim no, ɔno na ɔhwɛɛ no, na ɔyɛ ɔdefoɔ kɛseɛ.


Na ɔwɔ nnwan mpem nson ne yoma mpensa ne anantwie mpamho ahanum ne mfunumu bereɛ ahanum ne asomfoɔ bebree pa; na ɔbarima yi yɛ titire wɔ apueeɛ mma no nyinaa mu.


Na AWURADE hyiraa Hiob awieeɛ senee ne mfitiaseɛ, na ɔnyaa nnwan mpemdunan ne yoma mpemnsia ne anantwie mpamho apem ne mfunumu abereɛ apem.


AWURADE, fa wo nsa bɛgye me firi nnipa nsam, nnipa a wɔn nkwa kyɛfa yɛ wiase deɛ, fa deɛ wɔasiesie ama wɔn hyɛ wɔn yafunu ma; ma wɔn mma nya no mmorosoɔ, na wɔnnya bi mma wɔn mmotafowa.


Akoa a wabɛdi hene ne ogyegyentwie a wadidi ameeɛ,


Maon, Karmel ne Sif ne Yuta,


Na Samuel tuaa nhema sɛ ɔrekɔhyia Saulo anɔpa; na wɔka kyerɛɛ Samuel sɛ: Saulo aba Karmel, na hwɛ, wasi ne nkaeɛ dum, na wadane ne ho atwam asiane rekɔ Gilgal.


Na wɔsɔre dii Saulo anim kɔɔ Sif. Na Dawid ne ne nnipa no wɔ Maon serɛ so, mpaperɛ a ɛwɔ ɛserɛ pataa no anafoɔ fam no so.


Na Dawid yerenom baanu no, Yesreelni Ahinoam ne Karmelni Abigail, Nabal yere no, nso wɔafa wɔn nnommum bi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios