Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 23:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na Ahimelek ba Abiatar redwane akɔ Dawid nkyɛn Keila no, na asɔfotadeɛ no kura no, na ɔde siane kɔeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na Ahimelek ba Abiatar redwane akɔ Dawid nkyɛn Keila no, na asɔfotadeɛ no kura no, na ɔde siane kɔeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Ahimelek ba Ɔsɔfo Abiatar reguan akɔ Dawid nkyɛn wɔ Keila no, ɔfaa asɔfotade sɛ ɔrekogye mmuae afi Awurade nkyɛn ama Dawid.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ahimelek ba Ɔsɔfoɔ Abiatar redwane akɔ Dawid nkyɛn wɔ Keila no, ɔfaa asɔfotadeɛ sɛ ɔrekɔgye mmuaeɛ afiri Awurade nkyɛn ama Dawid.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na Ahimelek ba Abiatar reguan akɔ Dawid nkyɛn Keila no, na okura asɔfotade, na ɔde sian kɔe.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 23:6
12 Referencias Cruzadas  

Na Ɔsɔfoɔ Abiatar nso, ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ Anatot, wo ara w’asase so, na woyɛ owuo ba. Na ɛnnɛ yi deɛ, merenku wo, ɛfiri sɛ woasoa AWURADE Nyankopɔn adaka no m’agya Dawid anim, na wohunuu amane nso wɔ deɛ m’agya hunuu mu amaneɛ nyinaa mu.


Na wɔmfa ntomanwono mu anyansadwuma so mfa sika ne bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira nyɛ asɔfotadeɛ no.


Na Saulo ka kyerɛɛ Ahiya sɛ: Kɔfa Nyankopɔn adaka no bra. Nso ɛda no na Nyankopɔn adaka no wɔ Israelfoɔ no nkyɛn.


Na Ahiya a ɔyɛ AWURADE sɔfoɔ Eli a ɔtenaa Silo no ba Pinehas ba Ikabod nua Ahitub ba hyɛ asɔfotadeɛ no. Na ɔman no nnim sɛ Yonatan kɔ.


Na Ahitub ba Ahimelek babarima baako a wɔfrɛ no Abiatar firii mu dwane tii Dawid.


Na Dawid bisaa AWURADE sɛ: Menkɔto nhyɛ Filistifoɔ yi so anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ na kɔto hyɛ Filistifoɔ no so, na gye Keila.


Ɛnna Dawid ne ne nnipa no sii mu kɔɔ Keila, na ɔne Filistifoɔ no kɔkoeɛ, na ɔkaa wɔn mmoa faeɛ, na ɔkum wɔn ekumkɛseɛ, na Dawid gyee Keilafoɔ.


Na wɔkɔka kyerɛɛ Saulo sɛ Dawid aba Keila. Na Saulo kaa sɛ: Onyankopɔn reyi no ahyɛ me nsa, na wato ne ho mu, sɛ wakɔ kuro a ano wɔ apono ne adaban mu.


Na Dawid hunuu sɛ Saulo rebɔ ne ho pɔ bɔne no, ɔka kyerɛɛ Ɔsɔfoɔ Abiatar sɛ: Fa asɔfotadeɛ no bra.


Na Dawid ka kyerɛɛ Ɔsɔfoɔ Ahimelek ba Abiatar sɛ: Fa asɔfotadeɛ no brɛ me. Na Abiatar de asɔfotadeɛ no brɛɛ Dawid.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios