Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 22:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na Saulo tee sɛ wɔahunu deɛ Dawid ne nnipa a wɔka ne ho no wɔ. Na Saulo te Gibea, santɛ dua bi ase wɔ kokoɔ so, na ne pea kura ne nsam, na ne nkoa nyinaa gyinagyina ne ho.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na Saulo tee sɛ wɔahunu deɛ Dawid ne nnipa a wɔka ne ho no wɔ. Na Saulo te Gibea, santɛ bi ase wɔ kokoɔ so, na ne pea kura ne nsam, na ne nkoa nyinaa gyinagyina ne ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Afei Saulo tee sɛ wɔahu Dawid ne ne nkurɔfo. Saa bere no, na ɔhene no te nnyedua bi ase wɔ Gibea bepɔw so a okura ne peaw na ne mpanyimfo atwa ne ho ahyia.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ɔkɔɔ Yuda hɔ no, ankyɛre na Saulo tee asɛm no. Saa ɛberɛ no, na ɔhene no te gyedua bi ase wɔ Gibea bepɔ so a ɔkura ne pea na ne mpanimfoɔ atwa ne ho ahyia.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na Saul tee sɛ wɔahu nea Dawid ne nnipa a wɔka ne ho no wɔ. Na Saul te Gibea, ɔsantɛw bi ase wɔ koko bi so, na ne okura peaw, na ne nkoa nyinaa gyinagyina ne ho.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 22:6
7 Referencias Cruzadas  

Na Abraham duaa ɛsɛnteɛ dua wɔ Beer-seba, na ɔsɔree AWURADE a ɔyɛ daa Nyankopɔn no wɔ hɔ.


Na ɔte Debora kyiresua ase, Rama ne Betel ntam, Efraim bepɔ so; na Israelfoɔ foro ba ne nkyɛn sɛ ɔmmu wɔn atɛn.


Na Saulo te Gibea kurotia, atoaa dua a ɛwɔ Migron no ase, na ɛdɔm a na wɔne no wɔ hɔ no bɛyɛ mmarima ahansia.


Na adeɛ kyeeɛ no, Nyankopɔn honhommɔne no sii Saulo so, na ɔrekɔm efie, na Dawid de ne nsa rebɔ sankuo, sɛdeɛ ɔyɛ daa no; na pea kura Saulo nsam.


Na AWURADE honhommɔne no baa Saulo so; na ɔte ne fie, na pea kura ne nsam, na Dawid de ne nsa rebɔ sankuo.


Ɛnna Saulo too pea sɛ ɔde rebɔ no. Na Yonatan hunuu sɛ n’agya awe ataa so sɛ ɔbɛkum Dawid.


Na wɔfaa wɔn nnompe kɔkoraa no santɛ dua no ase wɔ Yabes, na wɔdii mmuada nnanson.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios