Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 21:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na Akis nkoa ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɛnyɛ Dawid, asase no so hene no nie? Ɛnyɛ oyi na wɔtoo ne ho dwom asa mu kaa sɛ: Saulo akum n’apem, na Dawid akum ne mpem du no?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na Akis nkoa ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɛnyɛ Dawid, asase no so hene no nie? Ɛnyɛ oyi na wɔtoo ne ho dwom asa mu kaa sɛ: Saulo akum n’apem, na Dawid akum ne mpem du no?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Nanso na Akis mpanyimfo no ho ntɔ wɔn sɛ ɔwɔ hɔ. Wobisae se, “Ɛnyɛ saa Dawid yi na ɔyɛ asase yi so hene no? Ɛnyɛ ɔno na nnipa nam asaw ne nnwonto so hyɛɛ no anuonyam se, ‘Saulo akum ne apem apem na Dawid nso akum mpem du du no?’ ”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Nanso, na Akis mpanimfoɔ no ho ntɔ wɔn sɛ ɔwɔ hɔ. Wɔbisaa sɛ, “Ɛnyɛ saa Dawid yi na ɔyɛ asase yi so ɔhene no? Ɛnyɛ ɔno na nnipa nam asa ne nnwontoɔ so hyɛɛ no animuonyam sɛ, ‘Saulo akum ne mpempem na Dawid nso akum ɔpedupedu no?’ ”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na Akis nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: So ɛnyɛ Dawid, asase no so hene no ni? Ɛnyɛ oyi na wɔtoo ne ho dwom asaw mu kae sɛ: Saul akum n’apem, apem na Dawid akum ne ɔpedu, ɔpedu, no?

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 21:11
8 Referencias Cruzadas  

Mɛhyira AWURADE nna nyinaa, n’ayeyie wɔ m’anomu daa yi.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Wobɛgyam Saulo akɔsi da bɛn? Na me deɛ, mapo no sɛ ɔnnni Israel so hene. Fa ngo hyɛ w’abɛn ma, na bra ma mensoma wo Betlehemni Yisai nkyɛn, ɛfiri sɛ ne mma mu na mayi ɔhene mafa.


Na Dawid dwane firii mu firiiɛ, na ɔkɔɔ Samuel nkyɛn Rama kɔkaa deɛ Saulo de ayɛ no nyinaa kyerɛɛ no. Na ɔne Samuel kɔ kɔtenaa Naiot.


Na Dawid see no n’akoma mu sɛ: Anhwɛ a, da bi, Saulo nsa na ɛbɛku me; biribiara nyɛ mma me sɛ mɛdwane akɔ Filistifoɔ asase soɔ, na Saulo agyaa me na wanhwehwɛ me bio Israel asase nyinaa so, na mafiri ne nsa.


Na Dawid sɔreeɛ, na ɔne mmarima ahansia a wɔka ne ho no twaa mu kɔɔ Gathene Maok ba Akis nkyɛn.


Ɛnyɛ Dawid a wɔgyee ne ho dwom soɔ asa mu sɛ: Saulo akum n’apem na Dawid akum ne mpem du no nie anaa?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios