Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 20:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na Yonatan se: Ɛmpare wo sɛ, sɛ menim sɛ m’agya akyere sa bɔne de reba wo so a, merenka menkyerɛ woɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Na Yonatan se: Ɛmpare wo sɛ, sɛ menim sɛ m’agya akyere sa bɔne de reba wo so a, merenka menkyerɛ woɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Yonatan teɛɛ mu se, “Ɛmpare me! Wo ara wunim sɛ, sɛ minim mʼagya nsusuwii no ho biribi a, anka maka akyerɛ wo dedaw.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Yonatan teaam sɛ, “Ɛmpare me! Wo ara wonim sɛ, sɛ menim mʼagya nsusuiɛ no ho biribi a, anka maka akyerɛ wo dada.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na Yonatan se: Ɛmpare wo sɛ, sɛ minim sɛ m’agya asusuw bɔne de reba wo so na merenka menkyerɛ wo.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 20:9
6 Referencias Cruzadas  

Nanso Saulo ba Yonatan pɛ Dawid asɛm sɛ. Na Yonatan kɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: M’agya Saulo rehwehwɛ wo aku wo, na afei, kora wo ho anɔpa, na tena kokoa bi mu hunta;


na me deɛ, mɛfiri adi makɔgyina m’agya nkyɛn wiram baabi a wowɔ no, na me ne m’agya aka wo ho asɛm, na mete biribi a maka makyerɛ wo.


Na Dawid ka kyerɛɛ Yonatan sɛ: Sɛ w’agya de asɛm denden bi bua wo a, hwan na ɔbɛka akyerɛ me?


Na Yonatan hyɛɛ abɔfra no mmɔn sɛ: Yɛ ntɛm, ka wo ho, nnyina. Na Yonatan abɔfra no tasee agyan no de brɛɛ ne wura.


Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ asomdwoeɛ mu. Sɛdeɛ yɛn baanu akeka AWURADE ntam no, AWURADE ntena me ne wo ntam ne m’asefoɔ ne w’asefoɔ ntam nkɔsi daa. Na ɔsii mu kɔeɛ; na Yonatan baa kuro no mu.


Na yɛ w’akoa adɔeɛ, ɛfiri sɛ AWURADE apam mu na woama wo ne w’akoa ahyɛne; na sɛ amumuyɛ bi wɔ me mu a, wo ara ku me, na adɛn nti na wode me rekɔma w’agya?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios