1 Samuel 20:34 - New Revised Asante Twi Bible34 Na Yonatan de abufuhyeɛ sɔre firii ɛpono no ho, na wannidi bosome no da a ɛtɔ so mmienu no. Na ɔdii Dawid ho ya sɛ n’agya asopa no. Ver CapítuloTwerɛ Kronkron34 Na Yonatan de abufuhyeɛ sɔre firii ɛpono no ho, na wannidi bosome no da a ɛtɔ so mmienu no. Na ɔdii Dawid ho ya sɛ n’agya asopa no. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm34 Yonatan de abufuwhyew sɔre fii didipon no ho. Na da a ɛto so abien wɔ ɔsram no mu no, wannidi, efisɛ ne werɛ how wɔ nʼagya animguasede a ɔpɛ sɛ ɔyɛ Dawid no ho. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm34 Yonatan de abufuden sɔre firii didipono no ho. Na ɛda a ɛtɔ so mmienu wɔ bosome no mu no, wannidi, ɛfiri sɛ, ne werɛ hoo wɔ nʼagya animguasedeɛ a ɔpɛ sɛ ɔyɛ Dawid no ho. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON34 Na Yonatan de abufuhyew sɔre fii ɔpon no ho, na wannidi ɔsram no da a ɛto so abien no. Na odii Dawid ho yaw sɛ n’agya asopa no. Ver Capítulo |