Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 20:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na sɛ ɛsɔ m’agya ani sɛ bɔne mmra wo so na mamma ammɛyi wo asotire, na mannya wo kwan amma woankɔ asomdwoeɛ mu a, AWURADE nyɛ me Yonatan saa na ɔnka ho saa! Na AWURADE nni w’akyi sɛdeɛ ɔdi m’agya akyire no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Na sɛ ɛsɔ m’agya ani sɛ bɔne mmra wo so na mamma ammɛyi wo asotire, na mannya wo kwan amma woankɔ asomdwoeɛ mu a, AWURADE nyɛ me Yonatan saa na ɔnka ho saa! Na AWURADE nni w’akyi sɛdeɛ ɔdi m’agya akyire no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Nanso sɛ mʼagya bo afuw, na ɔpɛ sɛ okum wo, na sɛ manka ankyerɛ wo amma woanguan a Awurade ne minni no ɔyaw so. Awurade nka wo ho sɛnea ɔkaa mʼagya ho no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Nanso sɛ mʼagya bo afu, na ɔpɛ sɛ ɔkum wo, na sɛ manka ankyerɛ wo ma wo annwane a Awurade nkum me. Awurade nka wo ho sɛdeɛ ɔkaa mʼagya ho no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na sɛ ɛsɔ m’agya ani sɛ bɔne mmra wo so na mamma mammeyi wo asotiw, na mannya wo kwan amma woankɔ asomdwoe mu a, AWURADE nyɛ Yonatan sa na ɔnka ho sa! Na AWURADE nni w’akyi sɛnea odi m’agya akyi no.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 20:13
22 Referencias Cruzadas  

Na Amasa nso, monka nkyerɛ no sɛ: Ɛnyɛ me nnompe ne me nam ne wo? Sɛ woanyɛ dɔm so safohene m’anim nna nyinaa ansi Yoab ananmu a, Onyankopɔn nyɛ me sɛɛ na ɔnkɔ so nyɛ me sɛɛ!


Na ɔman no nyinaa baa sɛ wɔrebɛkorɔkorɔ Dawid ama no adidi, na owia da so wɔ hɔ no, Dawid kaa ntam sɛ: Sei na Onyankopɔn nyɛ me na ɔnkɔ so nyɛ, sɛ mede aduane anaa biribiara meka m’ano ansa na owia akɔtɔ a!


Na m’adɔeɛ remfiri ne ho sɛdeɛ ɛfirii Saulo a metuu no w’anim no ho no.


Sɛdeɛ AWURADE ne me wura ɔhene tenaeɛ no, saa ara nso na ɔne Salomo ntena, na ɔmma n’adwa nso nsene me wura Ɔhene Dawid adwa no.


Na Isebel somaa ɔbɔfoɔ maa no kɔɔ Elia nkyɛn sɛ: Sei na anyame no nyɛ me, na sei nso na wɔmfa nka ho, sɛ ɔkyena sɛsɛɛ na mama wo kra ayɛ sɛ wɔn mu baako deɛ.


Na Ben-hadad soma kɔsee no sɛ: Mede mmarima bebree bɛba abɛsɛe wo kuro no, na wɔasoa hɔ mfuturo wɔn nsamu akɔ. Anyame no nkum me sɛ manyɛ a.


Afei, me ba, AWURADE nni w’akyi, na yɛ prɔmprɔm, na si AWURADE wo Nyankopɔn fie no, sɛdeɛ ɔkaa no wo ho no.


Sika, dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ no nni ano. Sɔre na yɛ, na AWURADE nni w’akyi.


na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni deɛ mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kɔsi wiase awieeɛ.


deɛ moasua nso na moagyeɛ na moateɛ na moahunu wɔ me ho no, ɛno ara na monyɛ! Na asomdwoeɛ Nyankopɔn ne mo bɛtena.


Obiara biara rentumi nnyina w’anim, wo nkwa nna nyinaa; sɛdeɛ medii Mose akyire no, saa ara na mɛdi w’akyire; merempa wo na merennya wo.


deɛ wobɛwuo na mɛwuo, na ɛhɔ ara na wɔbɛsie me; AWURADE nyɛ me yei na ebi nka ho, sɛ gye owuo na ɛbɛtete me ne wo ntam.


Na sɛ nsɛnkyerɛnneɛ yi ba mu ma wo a, yɛ deɛ wo nsa bɛso soɔ fa, na Onyankopɔn di w’akyi.


Na Saulo dii Israel so hene no, ɔne n’atamfo nyinaa kɔko hyiae, ɔne Moab ne Amonfoɔ ne Edom ne Soba ahemfo ne Filistifoɔ koeɛ; na baabiara a ɔdanee ne ho koeɛ no, ɔdii nim.


Na Dawid kaa sɛ: AWURADE a ɔyii me gyata ne sisire nsam no, ɔno ara bɛyi me Filistini yi nsam. Ɛnna Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ, na AWURADE bɛdi w’akyi.


Na Saulo suroo Dawid, ɛfiri sɛ AWURADE di n’akyi, na Saulo deɛ, wafiri ne nkyɛn.


na me deɛ, mɛfiri adi makɔgyina m’agya nkyɛn wiram baabi a wowɔ no, na me ne m’agya aka wo ho asɛm, na mete biribi a maka makyerɛ wo.


Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn, nyɛ danseni sɛ, sɛ ɔkyena anaa ɔkyena akyi sɛsɛɛ berɛ yi mu, mehwɛ m’agya adwene na ɛyɛ wɔ Dawid ho, na mansoma amma wo nkyɛn ammɛyi wo asotire a!


Na sɛ meda so mete aseɛ yi, fa AWURADE nokorɛ adɔeɛ yɛ me, na manwu,


Sɛ ɛkɔsi ɔkyena anɔpa, megya n’adeɛ a ɔwɔ nyinaa mu onini baako sei mpo a, Onyankopɔn nyɛ Dawid atamfoɔ saa na ɔnka ho saa!


Na ɔkaa sɛ: Asɛm bɛn na ɔka kyerɛɛ woɔ no? Nsi me asɛm no so. Sɛ wosi me asɛm a ɔka kyerɛɛ woɔ no nyinaa bi so a, Onyankopɔn ntua wo ka, na ɔmfa bi nka ho!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios