Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 2:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Na Samuel deɛ, ɔsom AWURADE anim; ɔyɛ abɔfra a wɔde nwera asɔfotadeɛ abɔ ne mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 Na Samuel deɛ, ɔsom AWURADE anim; ɔyɛ abɔfra a wɔde nwera asɔfotadeɛ abɔ ne mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Samuel de, ɛwɔ mu sɛ na ɔyɛ abarimaa de, nanso na ɔyɛ Awurade somfo a wɔde nwera asɔfotade ahyɛ no te sɛ ɔsɔfo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Samuel deɛ, ɛwom na ɔyɛ abarimaa, nanso na ɔyɛ Awurade ɔboafoɔ. Na wɔde nwera asɔfotadeɛ ahyɛ no te sɛ ɔsɔfoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Na Samuel de, ɔsomee AWURADE anim; ɔyɛ abofra a wɔde nwera asɔfotade abɔ ne mu.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 2:18
9 Referencias Cruzadas  

Na Dawid de n’ahoɔden nyinaa sae wɔ AWURADE anim; nso na Dawid de nwera asɔfotadeɛ amia.


Na Dawid hyɛ asaawa nwera batakari, ɔno ne Lewifoɔ a wɔso adaka no nyinaa ne nnwontofoɔ no, ne ɔsafohene Kenania a ɔdi nnwontoɔ no soɔ no wɔ nnwontofoɔ no mu. Na nwera asɔfotadeɛ nso hyɛ Dawid.


Na ntadeɛ a wɔmpam nie: Adaaboɔ ne asɔfotadeɛ ne batakari ne atadeɛ yuu a wɔanwono no damedame ne abotire ne abɔsoɔ; na wɔmpam kronkronyɛ ntadeɛ mma wo nua Aaron ne ne mmabanin, na wɔnhyɛ nni me sɔfoɔ.


na ɔde atadeɛ yuu no hyɛɛ no, na ɔde aboomu no bɔɔ n’asene, na ɔde batakari no hyɛɛ no, na ɔde asɔfotadeɛ no hyɛɛ no, na ɔde asɔfotadeɛ no nkyekyeremu no bɔɔ no abɔsoɔ;


Na Ahiya a ɔyɛ AWURADE sɔfoɔ Eli a ɔtenaa Silo no ba Pinehas ba Ikabod nua Ahitub ba hyɛ asɔfotadeɛ no. Na ɔman no nnim sɛ Yonatan kɔ.


Na Elkana kɔɔ ne fie Rama; na abɔfra no som AWURADE, Ɔsɔfoɔ Eli anim.


na meyii no Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ ɔmmɛdi me sɔfoɔ na ɔmmɔ m’afɔrebukyia so ɔhyeɛ afɔdeɛ na ɔnhye aduhwam na ɔnhyɛ asɔfotadeɛ no m’anim, na mede Israelfoɔ gya afɔdeɛ nyinaa memaa w’agya fie.


Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Doeg sɛ: Wo deɛ, dane wo ho na ka asɔfoɔ no. Na Edomni Doeg danee ne ho na ɔkaa asɔfoɔ no kumm mmarima aduɔwɔtwe nnum a wɔhyɛ nwera asɔfotadeɛ da no ara.


Na abɔfra Samuel som AWURADE, Eli anim. Na AWURADE asɛm ho yɛ na nna no mu, na anisoadehunu ntaa mma.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios