Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 19:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na Saulo ka kyerɛɛ ne ba Yonatan ne ne nkoa nyinaa sɛ wɔnkum Dawid.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na Saulo ka kyerɛɛ ne ba Yonatan ne ne nkoa nyinaa sɛ wɔnkum Dawid.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Saulo hyɛɛ nʼasomfo ne ne babarima Yonatan sɛ wonkum Dawid. Nanso esiane sɛ na Yonatan adamfo pa ara ne Dawid nti,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Saulo hyɛɛ nʼasomfoɔ ne ne babarima Yonatan sɛ wɔnkum Dawid. Nanso, ɛsiane sɛ na Yonatan adamfo brɛboɔ ne Dawid enti,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na Saul ka kyerɛɛ ne ba Yonatan ne ne nkoa nyinaa sɛ wonkum Dawid. Nanso Saul ba Yonatan pɛ Dawid asɛm sɛ.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 19:1
10 Referencias Cruzadas  

Na ne nuanom hunuu no akyirikyiri na ɔnnya nnuruu wɔn nkyɛn no, wɔpamm ne tiri so sɛ wɔbɛku no.


Na wɔde Isboset tiri no brɛɛ Dawid wɔ Hebron, na wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Hwɛ, wo tamfo Saulo ba Isboset a anka ɔrehwehwɛ wo aku woɔ no tiri nie, na ɛnnɛ da yi AWURADE atɔ Saulo ne n’asefoɔ so were ama me wura ɔhene.


Na ɔne Saulo kasa wieeɛ no, na Yonatan kra akyekyere Dawid kra ho, na Yonatan dɔɔ no sɛ ɔno ara ne kra.


Na Saulo kaa sɛ: Sɛ monkɔka nkyerɛ Dawid nie: Ɔhene mpɛ tiriadeɛ biara sɛ Filistifoɔ mmarima ano wedeɛ ɔha, na wɔntɔ ɔhene atamfoɔ so were. Na Saulo susuu sɛ ɔnam Filistifoɔ nsa so bɛma Dawid atɔ.


Na Yonatan ne Dawid pam apam bi, ɛfiri sɛ na ɔdɔ no sɛ ɔno ara ne kra.


Na Saulo bo fuu kɛse, na asɛm no anyɛ no dɛ. Na ɔkaa sɛ: Wɔde mpem du ama Dawid, na me deɛ, apem na wɔde ama me, na ɛdeɛn na aka no bio sɛ ahennie no?


Na ɛfiri da no ara de rekorɔ no, Saulo tuu n’ani saa Dawid.


Nanso Saulo ba Yonatan pɛ Dawid asɛm sɛ. Na Yonatan kɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: M’agya Saulo rehwehwɛ wo aku wo, na afei, kora wo ho anɔpa, na tena kokoa bi mu hunta;


Na Dawid dwane firii Naiot wɔ Rama, na ɔba bɛkaa no Yonatan anim sɛ: Ɛdeɛn na mayɛ? M’amumuyɛ ne sɛn, na me bɔne ne sɛn wɔ w’agya anim a enti ɔrehwehwɛ me aku me yi?


Na sɛ ɛdi nnansa a, wɔbɛhunu sɛ wonni hɔ ampa ara, ɛnneɛ na siane ntɛm bra deɛ asɛm no baeɛ no, wohuntaeɛ hɔ, na tena Esel boɔ no ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios