Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 17:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na Filistini no kaa sɛ: Me deɛ, meretwa Israel mpasua poa nnɛ da yi, momma me ɔbarima bi na yɛnko.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Na Filistini no kaa sɛ: Me deɛ, meretwa Israel mpasua poa nnɛ da yi, momma me ɔbarima bi na yɛnko.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Filistini no kae se, “Memmfa Israel asraafo nyɛ hwee, momma me ɔbarima a ɔne me bɛko.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Filistini no kaa sɛ, “Memmfa Israel akodɔm nyɛ hwee. Momma me ɔbarima a ɔne me bɛko.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na Filistini no kae sɛ: Me de, mabɔ Israel mpasua ahohora nnɛ da yi, momma me ɔbarima bi na yɛnko.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 17:10
14 Referencias Cruzadas  

Na ɔretwitwa Israel mpoa no, Dawid nua Simei ba Yonatan kumm no.


Na deɛ ɔdi n’akyire ne Ahohi ba Dodo ba Eleasa a ɔfra nnɔmmarima baasa a wɔka Dawid ho berɛ a wɔresopa Filistifoɔ a na wɔaboaboa wɔn ano rebɛko na Israel mmarima foro kɔeɛ no mu.


Ebia AWURADE wo Nyankopɔn bɛte Rabsake no a ne wura Asiria hene asoma no sɛ ɔmmɛsopa Onyankopɔn teasefoɔ no nsɛm, na nsɛm a AWURADE wo Nyankopɔn ateɛ no nti, watwe n’aso. Enti ma wo mpaebɔ so ma nnipa nkaeɛ a wɔwɔ hɔ no.


Na Horonni Sanbalat ne Tobia, akoa Amonni no, ne Arabni Gesem teeɛ no, wɔdii yɛn ho fɛw, na wɔbuu yɛn animtia kaa sɛ: Asɛm bɛn na moredie yi? Ɔhene anim atua na moreteɛ yi?


Ahantan di ɔsɛeɛ anim, na dwɛɛ honhom di asehweɛ kan.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Mma onyansafoɔ nnhyehyɛ ne ho ne nyansa ho, na ɔhoɔdenfoɔ nnhyehyɛ ne ho n’ahoɔden ho, na ɔdefoɔ nso nnhyehyɛ ne ho n’ahodeɛ ho,


Afei me, Nebukadnessar, mekamfo ɔsoro hene mema no so meyi no ayɛ, sɛ ne nneyɛɛ nyinaa yɛ nokorɛ, na n’akwan yɛ atɛntenenee, na wɔn a wɔnam ahantan soɔ no, ɔtumi brɛ wɔn ase.


Na Saulo ne Israel nyinaa tee Filistini no nsɛm yi no, wɔn akoma tui, na wɔsuroo pa ara.


W’akoa akum gyata ne sisire nyinaa, na Filistini momonoto yi nyɛ sɛ wɔn mu baako, sɛ watwa Onyankopɔn teasefoɔ mpasua poa.


Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Filistini no sɛ: Wo deɛ, wode nkrantɛ ne pea ne pɛmɛ na ɛreba me so, na me deɛ, mede asafo AWURADE, Israel mpasua a woatwa wɔn poa no Nyankopɔn din na mereba wo so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios