Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 17:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na Filistifoɔ boaboaa wɔn dɔm ano sɛ wɔrebɛdi ako, na wɔbɛboaa wɔn ano Soko a ɛyɛ Yuda dea no, na wɔbɛkyeree nsraban Soko ne Aseka ntam wɔ Efes-damim.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na Filistifoɔ boaboaa wɔn dɔm ano sɛ wɔrebɛdi ako, na wɔbɛboaa wɔn ano Soko a ɛyɛ Yuda dea no, na wɔbɛkyeree nsraban Soko ne Aseka ntam wɔ Efes-damim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, Filistifo boaboaa wɔn asraafo ano wɔ Soko a ɛwɔ Yuda sɛ wɔrebɛko. Wɔkyeree nsraban wɔ Soko ne Aseka ntam wɔ Efes-Damim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, Filistifoɔ boaboaa wɔn akodɔm ano wɔ Soko a ɛwɔ Yuda sɛ wɔrebɛko. Wɔkyeree sraban wɔ Soko ne Aseka ntam wɔ Efes-Damim.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na Filistifo boaboaa wɔn dɔm ano sɛ wɔrebedi ako, na wɔbɛboaa wɔn ho ano Soko a ɛyɛ Yuda dea no, na wɔbɛbɔɔ nsra Soko ne Aseka ntam wɔ Efes-damim.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 17:1
11 Referencias Cruzadas  

Ɔno na na ɔne Dawid wɔ Pas-damim no, na Filistifoɔ aboaboa wɔn ano wɔ hɔ sɛ wɔrebɛdi ako, na asasewa bi wɔ hɔ a atokoɔ ayɛ so ma, na ɔman no dwanee firii Filistifoɔ anim.


Na Filistifoɔ nso abɛgu mpaperɛ so ne Yuda anafoɔ fam nkuro so, na wɔagye Bet-semes ne Ayalon ne Gederot ne Soko ne ɛho nkurowa ne Timna ne ɛho nkurowa ne Gimso ne ɛho nkurowa, na wɔtenatenaa hɔ.


Saa berɛ no, na Babel hene dɔm ne Yerusalem ne Yuda nkuro a aka a ɛne Lakis ne Aseka no nyinaa reko; na na ɛnonom ne nkuro a ɛyɛ den a aka, Yuda nkuro mu.


Yarmut ne Adulam, Soko ne Aseka,


Filistifoɔ ahemfo baanum no ne Kanaanfoɔ ne Sidonfoɔ ne Hewifoɔ a wɔte Lebanon bepɔ soɔ de firi Baal-hermon bepɔ ho kɔsi Hamet ahyɛneeɛ no nyinaa.


Na Filistifoɔ boaboaa wɔn ano sɛ wɔne Israel rebɛko: Nteaseɛnam mpem aduasa ne apɔnkɔfoɔ mpemnsia ne dɔm a ne dodoɔ te sɛ mpoano anwea. Na wɔforo ba bɛkyeree nsraban Mikmas, Bet-awen apueeɛ.


Ɛnna Saulo firii Filistifoɔ no akyiridie sane baeɛ, na Filistifoɔ no kɔɔ wɔn nkuro mu.


Na ɛko denden daa Filistifoɔ so Saulo nna nyinaa. Na sɛ Saulo hunu ɔbarima hoɔdenfoɔ biara anaa obiara a ɔyɛ nnam a, ɔkɔfa no ba ne nkyɛn.


Na Filistifoɔ tee sɛ Israelfoɔ akɔhyia Mispa no, Filistifoɔ asafohene foro baa Israel so. Na Israelfoɔ teeɛ no, wɔsuroo Filistifoɔ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios