Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 15:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na Saulo ne dɔm no hunuu Agag ne nnwan ne anantwie a wɔyɛ ne wɔn a wɔadodɔre sradeɛ ne nnwammuruwa ne deɛ ɛyɛ no nyinaa mmɔbɔ, na wɔampɛ sɛ wɔsɛe wɔn; na adeɛ biara a wɔmmuo na ɛnyɛ mma hwee no deɛ, wɔsɛee no pasapasa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Na Saulo ne dɔm no hunuu Agag ne nnwan ne anantwie a wɔyɛ ne wɔn a wɔadodɔre sradeɛ ne nnwammuruwa ne deɛ ɛyɛ no nyinaa mmɔbɔ, na wɔampɛ sɛ wɔsɛe wɔn; na adeɛ biara a wɔmmuo na ɛnyɛ mma hwee no deɛ, wɔsɛee no pasapasa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Na Saulo ne nʼakofo no anyɛ Agag bɔne biara, na mmom wɔfaa wɔn nguan pa, anantwi pa ne anantwi ne nguamma a wɔadodɔ srade ne biribiara a wɔn ani gye ho. Wɔsɛee nea so nni wɔn mfaso na enni mu nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Na Saulo ne nʼakodɔm no anyɛ Agag bɔne biara, na mmom wɔfaa wɔn nnwan pa, anantwie pa ne anantwie ne nnwan mma a wɔadodɔre sradeɛ ne biribiara a wɔn ani gye ho. Wɔsɛee deɛ ɛho nni wɔn mfasoɔ na ɛnni mu nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na Saul ne dɔm no kyɛe Agag ne nguan ne anantwi a woye ne wɔn a wɔadodɔ srade ne nguammuruwa ne nea eye no nyinaa so, na wɔampɛ sɛ wɔsɛe wɔn; na ade biara a wommu na enye mma hwee no de, wɔsɛee no pasaa.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 15:9
10 Referencias Cruzadas  

Na wɔn a wɔso AWURADE adaka no tutuu anammɔn nsia no, ɔde nantwie ne aboa a wadɔ bɔɔ afɔdeɛ.


Na Ben-hadad ka kyerɛɛ no sɛ: Nkuro a m’agya gyee no w’agya nsam no, mɛdane mama, na te mmorɔno nso Damasko fa, sɛdeɛ m’agya tee no Samaria no. Na Ahab kaa sɛ: Me nso, mede apam bɛgya wo kwan. Ɛnna ɔne no pameeɛ, na ɔgyaa no kwan.


Anka wɔbɛtumi atɔn yei agye sika pii, na wɔde ama ahiafoɔ.


Mo ho yie ara na monhwɛ ahyiradeɛ no ho, na moanhyira so na moamfa ahyiradeɛ no bi, na moamfa Israel nsraban no anyɛ ahyiradeɛ amma amaneɛ amma so.


Mehunuu asadeɛ no mu Sinear ngusoɔ fɛfɛ bi ne dwetɛ nnwetɛbena ahanu ne sika dame baako a ano si nnwetɛbena aduonum, na m’ani beree, na mefae; na hwɛ, ɛhyɛ fam me ntomadan mu, na dwetɛ no wɔ aseɛ.


Ɛnna AWURADE asɛm baa Samuel nkyɛn sɛ:


Na Saulo se: Amalekfoɔ mu na wɔde firi baeɛ, ɛfiri sɛ ɔman no dodoo nnwan ne anantwie a ɛyɛ no ho sɛ wɔde rebɛbɔ afɔdeɛ ama AWURADE wo Nyankopɔn, na nkaeɛ no deɛ, yɛasɛe wɔn pasapasa.


Adɛn nti na woantie AWURADE, na woato ahyɛ asadeɛ soɔ, na woayɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne yi?


Na afei kɔ na kɔkum Amalek, na monsɛe deɛ wɔwɔ nyinaa pasapasa, na nhu wɔn mmɔbɔ, na kum mmarima ne mmaa, mmɔfra ne nkɔkoaa, anantwie ne nnwan, yoma ne mfunumu.


Ɛsiane sɛ woantie AWURADE nne na woanyɛ n’abufuhyeɛ so adeɛ Amalekfoɔ soɔ nti, na AWURADE ayɛ wo ɛso adeɛ nnɛ yi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios