Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 15:30 - New Revised Asante Twi Bible

30 Ɛnna ɔse: Mayɛ bɔne deɛ, nanso afei di me ni me man mpanimfoɔ ne Israel nyinaa anim: Ɛne me nsane nkɔ, na menkɔsɔre AWURADE wo Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

30 Ɛnna ɔse: Mayɛ bɔne deɛ, nanso afei di me ni me man mpanimfoɔ ne Israel nyinaa anim: Ɛne me nsane nkɔ, na menkɔsɔre AWURADE wo Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

30 Saulo srɛɛ bio se, “Minim sɛ mayɛ bɔne. Na mesrɛ wo sɛ, hyɛ me anuonyam wɔ me mpanyimfo ne me nkurɔfo anim; wo ne me nkɔsom Awurade, wo Nyankopɔn.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

30 Saulo srɛɛ bio sɛ, “Menim sɛ mayɛ bɔne. Na mesrɛ wo sɛ, hyɛ me animuonyam wɔ me mpanimfoɔ ne me nkurɔfoɔ anim; wo ne me nkɔsom Awurade, wo Onyankopɔn.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

30 Ɛnna ose: Mayɛ bɔne de, nanso afei di me ni me man mpanyin ne Israel anim: Wo ne me nsan nkɔ, na menkɔsɔre AWURADE wo Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 15:30
10 Referencias Cruzadas  

ɛfiri sɛ na wɔpɛ nnipa animuonyam sene Nyankopɔn animuonyam.


Ɛbɛyɛ dɛn na mo a mogye animuonyam mo ho mo ho nkyɛn bɛtumi agye adie, mo a Onyankopɔn koro no nkyɛn animuonyam deɛ, monhwehwɛ?


Na AWURADE se: Ɛsiane sɛ ɔman yi de wɔn ano na ɛbɛn me, na wɔde wɔn anofafa na ɛdi me ni, na wɔn akoma deɛ, wɔayi afiri me nkyɛn kɔ akyirikyiri, na suro a wɔsuro me no ayɛ nnipa ahyɛdeɛ a wɔasua nko ara nti,


wɔkekare wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden. Saa nnipa yi, dane wo ho firi wɔn ho!


Hwɛ, ɔbɔnefoɔ kra huhuru, ɛntene wɔ ne mu, na ɔteneneeni deɛ, ɔnam ne nokorɛdie so na ɔbɛtena ase.


Ɛnna Samuel sane kɔdii Saulo akyire; na Saulo kɔsɔree AWURADE.


Ɛnna Saulo kaa sɛ: Mayɛ bɔne, sane bra, me ba Dawid, na merenyɛ wo bɔne bio, ɛfiri sɛ me kra boɔ ayɛ den w’ani so nnɛ da yi. Hwɛ, madi nkwaseasɛm na mafom bebree pa ara.


Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Natan sɛ: Mayɛ AWURADE bɔne. Na Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: AWURADE nso de wo bɔne akyɛ wo, worenwu.


Ɛnna Farao soma maa wɔbɛfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yei deɛ, mayɛ bɔne, AWURADE ne ɔteneneeni, na me ne me man ne abɔnefoɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios